1
2 Korintofo 6:14
KYERƐW KRONKRON
RATB
Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?
Compare
Explore 2 Korintofo 6:14
2
2 Korintofo 6:16
Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔrefi, sɛnea Onyankopɔn aka sɛ: Mɛtena wɔn mu, na manantew wɔn mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔayɛ me ɔman.
Explore 2 Korintofo 6:16
3
2 Korintofo 6:17-18
Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho mfi wɔn mu, Awurade na ose, na monnka nea ɛyɛ fi; na me nso magye mo, na mayɛ mo agya, na moayɛ me mmammarima ne mmabea, Awurade Tumfo na ose.
Explore 2 Korintofo 6:17-18
4
2 Korintofo 6:15
Na biakoyɛ bɛn na ɛwɔ Kristo ne Belial ntam? Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne nea onnye nni wɔ?
Explore 2 Korintofo 6:15
Home
Bible
Plans
Videos