YouVersion Logo
Search Icon

1 Timoteo 1

1
Nkyia
1 # Kol 1.27 Paulo, Kristo Yesu somafo, sɛnea yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu a ɔne yɛn anidaso no hyɛe no, 2#Tito 1.4 de kɔma Timoteo a ɔyɛ gyidi mu ɔba nokwarem: Ɔdom, mmɔborohunu, asomdwoe mfi Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.
Timoteo adwuma titiriw wɔ Efeso
3 # Aso 20.1 Sɛnea merekɔ Makedonia mesrɛɛ wo sɛ tena Efeso, na woatu nnipa bi fo sɛ wɔnnkyerɛ ɔkyerɛ foforo, 4#1 Tim 4.7 nso wonntie anansesɛm ne anato a enni awiei a ɛho wɔ nsɛmmisa mmom sen Onyankopɔn fiehwɛ a ɛwɔ gyidi mu no.
5 # Rom 13.10; Gal 5.6 Na afotusɛm no botae ne ɔdɔ a efi koma kronn ne ahonim pa ne gyidi a nkontompo nnim mu. 6#1 Tim 6.4; 6.20 Ɛno na ebinom atere ho adan akɔ nsɛnhuhuw mu 7#Rom 7.12 pɛ sɛ wɔyɛ mmarakyerɛfo, nanso wɔnte nea wɔka ne nea wɔhyɛ mu den no ase.
8Na yenim sɛ mmara no, sɛ obi di so sɛ ɛte a, eye. 9Na onii no nim sɛ mmara bi nna hɔ mma ɔtreneeni, na ɛda hɔ ma mmaratofo ne asowuifo, wɔn a wɔmfɛre Nyankopɔn ne nnebɔneyɛfo, wɔn a wɔn ho ntew na wɔn ho agu fi, agya ne ɛna awudifo, nnipakumfo, 10#1 Tim 6.3 aguamammɔfo ne a wɔne mmarima da, nnipatɔnfo, atorofo, ntantofo, ne biribiara a ɛka ho a ɛne kyerɛ pa no di asi, 11#1 Tim 6.15 sɛnea nhyira Nyankopɔn anuonyam asɛmpa a wɔde ahyɛ me nsa no te no.
Adom a woyi kyerɛ Paulo
12 # Aso 9.15; 1 Ko 15.9-10; Gal 1.13-16 Na meda yɛn Awurade Kristo Yesu a ɔhyɛɛ me den no ase, sɛ wabu me ɔnokwafo de me ahyɛ ɔsom no mu. 13Ɛwom sɛ na anka kan no, meyɛ mmusubɔfo ne ɔtaafo ne onuɔdenfo, nanso wɔahu me mmɔbɔ, efisɛ minnim na meyɛe, ogye a mannye manni mu. 14Na yɛn Awurade adom dɔɔso boroo so gyidi ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu.
15 # Luka 19.10 Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo a me na midi wɔn mu kan. 16Nanso eyi nti wɔahu me mmɔbɔ, sɛ me a midi kan mu na Yesu Kristo beyi abodwokyɛre nyinaa adi, de ayɛ wɔn a wɔrebegye no adi akɔ daa nkwa mu no nhwɛso.
17 # Rom 16.27 Nanso mmeresanten hene, Onyankopɔn koro a ɔtease daa a wonhu no no, nidi ne anuonyam nka no, mmeresanten mfesanten. Amen!
Otu Timoteo fo
18 # 1 Tim 6.12; Yuda 3 Saa ɔkasakyerɛ yi na mede mehyɛ wo nsa, me ba Timoteo, sɛnea adiyisɛm a wɔkae wɔ wo ho kan no te no, sɛ fa so ko ɔko pa no, 19#1 Tim 3.9; 6.10 na nya gyidi ne ahonim pa a ebinom agyaa mu na wɔagu asu gyidi ho no. 20#2 Tim 2.18; 1 Ko 5.5 Wɔn mu bi ne Himeneo ne Aleksanda a mayi wɔn mama Satan, sɛ wɔntwe wɔn aso na wɔanka abususɛm.

Currently Selected:

1 Timoteo 1: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in