1 Timoteo NHYƐNMU
NHYƐNMU
Timoteo yɛ Okristoni aberante a ofi Asia Kumaa. Ne na yɛ Yudani na n’agya yɛ Helani. Timoteo bɛyɛɛ Paulo yɔnko dwumayɛni ne ɔboafo wɔ n’asɛnka dwumadi akwantu no mu. Paulo haw wɔ ne nhoma a edi kan mu no yɛ abiɛsa.
Nea edi kan no, nhoma no bɔ atoro nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ asafo no mu ho kɔkɔ. Saa nkyerɛkyerɛ yi a na ɛyɛ Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo adwene nsaasaawa no gyina gyidi bi so sɛ, wiase mu biribiara yɛ bɔne. Ɛno nti obiara a ɔpɛ sɛ ɔnya nkwagye no hia kokoa mu nimdeɛ sonowonko bi, na ɔyɛ nneɛma bi te sɛ ɔtua ne ho nnuan bi na ɔnware nso. Nhoma no nso ka nhyehyɛe a ɛfa asafo no mu ntotoe ne ɔsom, esu ne abrabɔ a ɛsɛ sɛ asafo mu akannifo ne wɔn aboafo nya. Awiei koraa no, tu Timoteo fo fa sɛnea obetumi ayɛ Yesu Kristo somfo pa ne asɛde a ɔwɔ ma akuw ahorow a ɛwɔ asafo no mu no.
EMU NSƐM
Mfiase nkyerɛkyerɛmu 1.1-2
Nhyehyɛe a ɛfa asafo no ne emu akannifo ho 1.3—3.16
Nhyehyɛe a ɔde ma Timoteo ɛfa n’adwuma ho 4.1—6.21
Currently Selected:
1 Timoteo NHYƐNMU: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.