1 Korintofo 13
13
Ɔdɔ ho asɛm
1Sɛ mede nnipa ne abɔfo tɛkrɛma mekasa, na minni dɔ a, na mete sɛ ayowa a egyigye anaa akasae a ɛrewosow. 2#Mat 7.22; 17.20 Na sɛ mewɔ adiyi asɛnka, na minim ahintasɛm nyinaa, ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidi nyinaa ma mitutu mmepɔw mpo, na minni dɔ a, mensɛ hwee. 3#Mat 6.2 Na sɛ meporow m’ahode nyinaa mema ahiafo, na mede me nipadua mema sɛ wɔnhyew, na minni dɔ a, merennya ho mfaso biara.
4Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw; ɔdɔ nyɛ ahokyerɛ, ɛmmema ne ho so, 5#Flp 2.4; 2.21 ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ ɔno nko ara de, ne bo nhaw no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam, 6#Rom 12.9 n’ani nnye nea ɛnteɛ ho, na mmom edi ahurusi wɔ nokware mu. 7#Mmb 10.12; Rom 15.1 Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu.
8Ɔdɔ to ntwa da. Nkɔmhyɛ de, wobegu; ɔkasa horow de, ebegyae; nimdeɛ de, ɛbɛsa. 9Na yehu ade fa-ne-fa, na yɛhyɛ nkɔm fa-ne-fa. 10Na sɛ nea ɛwie pɛyɛ no nya ba a, ɛno na wobegu nea ɛyɛ fa-ne-fa no. 11Meyɛ abofra no, mekasae sɛ abofra, medwenee sɛ abofra, metee asɛm ase sɛ abofra; na meyɛɛ ɔpanyin yi, magyae mmofraasɛm no. 12#2 Ko 5.7 Na sesɛɛ de, yɛnam ahwehwɛ so hu ade wɔ bɛ mu, na ɛno mu de, anim ne anim; sesɛɛ de, mihu ade fa-ne-fa, na ɛno mu de, mehu ade mua sɛnea wɔahu me nso yi. 13#1 Te 1.3; 1 Yoh 4.16 Na afei gyidi, anidaso, ɔdɔ, ade abiɛsa yi na ɛtena hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛse.
Currently Selected:
1 Korintofo 13: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.