1
1 Korintofo 13:4-5
KYERƐW KRONKRON
RATB
Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw; ɔdɔ nyɛ ahokyerɛ, ɛmmema ne ho so, ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ ɔno nko ara de, ne bo nhaw no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam
Compare
Explore 1 Korintofo 13:4-5
2
1 Korintofo 13:7
Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu.
Explore 1 Korintofo 13:7
3
1 Korintofo 13:6
n’ani nnye nea ɛnteɛ ho, na mmom edi ahurusi wɔ nokware mu.
Explore 1 Korintofo 13:6
4
1 Korintofo 13:13
Na afei gyidi, anidaso, ɔdɔ, ade abiɛsa yi na ɛtena hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛse.
Explore 1 Korintofo 13:13
5
1 Korintofo 13:8
Ɔdɔ to ntwa da. Nkɔmhyɛ de, wobegu; ɔkasa horow de, ebegyae; nimdeɛ de, ɛbɛsa.
Explore 1 Korintofo 13:8
6
1 Korintofo 13:1
Sɛ mede nnipa ne abɔfo tɛkrɛma mekasa, na minni dɔ a, na mete sɛ ayowa a egyigye anaa akasae a ɛrewosow.
Explore 1 Korintofo 13:1
7
1 Korintofo 13:2
Na sɛ mewɔ adiyi asɛnka, na minim ahintasɛm nyinaa, ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidi nyinaa ma mitutu mmepɔw mpo, na minni dɔ a, mensɛ hwee.
Explore 1 Korintofo 13:2
8
1 Korintofo 13:3
Na sɛ meporow m’ahode nyinaa mema ahiafo, na mede me nipadua mema sɛ wɔnhyew, na minni dɔ a, merennya ho mfaso biara.
Explore 1 Korintofo 13:3
9
1 Korintofo 13:11
Meyɛ abofra no, mekasae sɛ abofra, medwenee sɛ abofra, metee asɛm ase sɛ abofra; na meyɛɛ ɔpanyin yi, magyae mmofraasɛm no.
Explore 1 Korintofo 13:11
Home
Bible
Plans
Videos