1 Korintofo 11
11
1 #
1 Ko 4.16; Flp 3.17 Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no.
Mmea asɔre mu abrabɔ
2Na miyi mo ayɛ sɛ mokae me ade nyinaa mu, na mukura atetesɛm a mede mehyɛɛ mo nsa no mu. 3#Efe 5.23; 1 Ko 3.23 Na mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo, na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Nyankopɔn. 4#1 Ko 12.10; 14.1 Ɔbarima biara a ɔrebɔ mpae anaasɛ ɔrehyɛ nkɔm na wakata ne ti so no, onni ne ti ni. 5Na ɔbea biara a ɔrebɔ mpae anaasɛ ɔrehyɛ nkɔm na ne ti so da hɔ no, onni ne ti ni; na ɛte sɛ wabɔ tikwaw. 6Na sɛ ɔbea ankata ne ti so a, ma ɔmmɔ tikwaw nso; na sɛ ɛyɛ ɔbea aniwu sɛ otwitwa ne ti so anaasɛ oyi a, ɛnne ma ɔnkata ne ti so. 7#Gye 1.27 Na ɔbarima de, ɛnsɛ sɛ ɔkata ne ti so, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn suban ne n’anuonyam; na ɔbea de, ɔyɛ ɔbarima anuonyam. 8#Gye 2.22-23 Na ɔbarima mfi ɔbea mu, na mmom ɔbea na ofi ɔbarima mu; 9#Gye 2.18 na ɛnyɛ ɔbea nti na wɔbɔɔ ɔbarima, na mmom ɔbarima nti na wɔbɔɔ ɔbea. 10Ɛno nti na ɛsɛ ɔbea sɛ onya ne ti so tumi a ɛyɛ nkataso, abɔfo nti. 11Nso ɔbarima nkwati ɔbea, na ɔbea nkwati ɔbarima, Awurade mu. 12Na sɛnea ɔbea fi ɔbarima mu no, sɛ nso ɔbarima nam ɔbea so ba ne no; na ne nyinaa fi Nyankopɔn mu.
13Mo ankasa mummu atɛn mo mu: Ɛyɛ fɛ sɛ ɔbea rebɔ mpae na ɔnkata ne ti so anaa? 14Ɔbrasu ankasa nkyerɛ mo sɛ ɔbarima gyina ne ti kusuu a, ɛnhyɛ no anuonyam, 15na ɔbea de, ogyina ne ti kusuu a, ɛhyɛ no anuonyam? Efisɛ wɔde nwi no ama no sɛ nkataso. 16Na sɛ obi pɛ sɛ ogye eyi ho akyinnye a, yɛn de, yemmu saa bra no, na Onyankopɔn asafo horow no nso nyɛ saa.
Asɔre mu mpaepaemu
17 #
1 Ko 11.22
Eyi a mehyɛ mo yi, minyi mo ayɛ, efisɛ munhyiam nyɛ adepa, na mmom adebɔne. 18#1 Ko 1.10-12; 3.3 Na nea edi kan, muhyia mu asafo no mu a, mete sɛ mpaepaemu wɔ mo mu; na migye emu bi midi. 19#1 Yoh 2.19; Deut 13.3 Wiɛ, etwa sɛ fekuw horow ba mo mu, na wɔn a wɔfra no ada adi mo mu.
Awurade adidi asekɔ mu basabasayɛ
20Enti sɛ mubehyia faako a mokɔ Awurade adidi a, ɛnyɛ ye, 21efisɛ obiara di n’ankasa aduan ansa, na ɔkɔm de binom, na ebinom nso abobow. 22#Yak 2.5-6 Na munni afi a mudidi na monom wɔ mu anaa? Anaasɛ mubu Nyankopɔn asafo no animtiaa, na mogu wɔn a wonni bi no anim ase? Minse mo dɛn? Minyi mo ayɛ anaa? Eyi ho de, minyi mo ayɛ.
Awurade adidi
23 #
Mat 26.26-28; Mar 14.22-24; Luka 22.19-20 Na me de, nea minya mifii Awurade hɔ no ara ne mede memaa mo sɛ: Awurade Yesu, anadwo a woyii no mae no, ɔfaa abodoo, 24na ɔdaa ase bubuu mu, na ɔkae sɛ: Eyi ne me nipadua a worebubu ama mo no; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae! 25Saa ara nso na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa no kae sɛ: Kuruwa yi ne Apam foforo m’ankasa me mogya mu; da biara a mobɛnom no, monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae!
Awurade adidi asekyerɛ
26 #
Mat 26.29
Na da biara a mubedi abodoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, mopae Awurade wu no mu ka kosi sɛ ɔbɛba. 27#Heb 6.6 Enti nea obedi abodoo yi, anaasɛ ɔbɛnom Awurade kuruwa yi ano sɛnea ɛnsɛ no, obedi Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ. 28#Mat 26.22; 2 Ko 13.5 Na ma onipa nsɔ ne ho nhwɛ, na wadi abodoo no bi, na wanom kuruwa no ano bi. 29Na nea odi na ɔnom sɛnea ɛnsɛ no, odi nom de atemmu ba n’ankasa ne ho so, efisɛ wammu nipadua no yiye. 30#1 Ko 15.20 Eyi nti na wɔn a wɔyɛ mmerɛw na wɔyareyare bebree wɔ mo mu, na bebree nso awuwu. 31Na sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu yiye a, anka wommu yɛn atɛn; 32#Heb 12.5-6 na sɛ wobu yɛn atɛn a, Awurade no twe yɛn aso, na wɔammu yɛn ne wiase fɔ. 33Enti, me nuanom, muhyia mu sɛ morebedidi a montwɛn mo ho mo ho! 34Na sɛ ɔkɔm de obi a, ma onnidi ne fie, na moammehyiam ammenya atemmu. Na nea aka no de, meba a, mabɛtoto no yiye.
Currently Selected:
1 Korintofo 11: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: