YouVersion Logo
Search Icon

1 Korintofo 10

10
Kɔkɔbɔ wɔ Abosonsom ho
1 # Eks 13.21; 14.22 Anuanom, mempɛ sɛ mede sie mo sɛ yɛn agyanom nyinaa hyɛɛ omununkum no ase, na wɔn nyinaa faa ɛpo no mu, 2na wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu too Mose so, omununkum ne ɛpo no mu, 3#Eks 16.4; 16.35; Deut 8.3 na wɔn nyinaa dii honhom fam aduan koro, 4#Eks 17.6 na wɔn nyinaa nom honhom fam anonne koro, na wɔnom fii honhom fam botan a na edi wɔn akyi no mu; na ɔbotan no ne Kristo.
5 # Num 14.23; 14.30 Nanso wɔn mu fa kɛse no ara ansɔ Onyankopɔn ani; na wɔdwɛree wɔn sare so hɔ. 6#Num 11.4; 11.34 Na wɔde eyinom ayɛ nhwɛso ama yɛn, na yɛn kɔn annɔ bɔne sɛnea wɔn kɔn dɔe no. 7#Eks 32.6 Afei monnyɛ abosonsomfo sɛnea wɔn mu binom yɛe no, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nkurɔfo no tenaa ase didii, nomee, na wɔsɔre gorui. 8#Num 25.1; 25.9 Nso mommma yɛmmmɔ aguaman sɛnea wɔn mu binom bɔe na wɔn mu mpem aduonu abiɛsa totɔe da koro no. 9#Num 21.5-6 Nso mommma yɛnnsɔ Kristo nnhwɛ, sɛnea wɔn mu binom yɛe, na awɔ kunkum wɔn no. 10#Num 14.2; 14.36-37; Heb 3.11; 3.17 Nso munnnwiinwii, sɛnea wɔn mu binom nwiinwii na ɔsɛefo bɛsɛee wɔn no. 11Na eyinom nyinaa sii na ayɛ kɔkɔbɔ ama wɔn, na wɔakyerɛw no sɛ afotu ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi.
12Enti nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye na wanhwe ase. 13Sɔhwɛ bi ntoo mo ɛ, gye nea ɛyɛ nipa de; na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ mmoro nea mubetumi so, na mmom ɔbɛma kwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi agyina.
14 # 1 Yoh 5.21 Enti, m’adɔfo, munguan mfi abosonsom ho, 15Me ne mo kasa sɛ animdefo. Mummu nea mise ho atɛn! 16#Mat 26.26-27; Aso 2.42 Nhyira kuruwa a yehyira so no nyɛ Kristo mogya no ayɔnkofa anaa? Abodoo a yebubu no nyɛ Kristo nipadua no ayɔnkofa anaa?
17 # Rom 12.5; 1 Ko 12.27 Ɛnam sɛ abodoo no yɛ biako nti yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro; na yɛn nyinaa di abodoo biako no bi. 18#Lew 7.6; 7.15 Monhwɛ ɔhonam fam Israel! Ɛnyɛ wɔn a wodi afɔre aduan no na wɔne afɔremuka no wɔ ayɔnkofa anaa? 19#1 Ko 8.4 Afei mese dɛn? Sɛ abosom afɔre yɛ biribi anaasɛ ɔbosom yɛ biribi? 20#Lew 17.7; Deut 32.17; Nnw 106.37; Adi 9.20 Dabi; na mmom mise, afɔre a wɔbɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne, na ɛnyɛ Onyankopɔn, na mempɛ sɛ mo ne ahonhommɔne fa ayɔnko. 21#2 Ko 6.15-16 Muntumi nnom Awurade kuruwa ano ne ahonhommɔne kuruwa ano; muntumi nnidi Awurade pon so ne ahonhommɔne pon so. 22Anaasɛ yɛrehyɛ Awurade ama no atwe ninkunu anaa? Yɛn ho yɛ den sen no anaa?
Onuadɔ bɔ Kristofo ahofadi ho ban
23 # 1 Ko 6.12 Nneɛma nyinaa ho da kwan, na ɛnyɛ ne nyinaa na ɛboa; nneɛma nyinaa ho da kwan, na ɛnyɛ ne nyinaa na ɛma nkɔso. 24#1 Ko 10.33; Rom 15.2 Obiara nnhwehwɛ ɔno ara ne yiyedi, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko yiyedi. 25#Rom 14.2-10; 14.22 Nea wɔtɔn no namgua so nyinaa, munni, na ahonim nti mummmisabisa ho nsɛm! 26#Nnw 24.1 Na asase ne nea ɛhyɛ so ma nyinaa yɛ Awurade dea. 27Na sɛ wɔn a wonnye nni no mu bi hyia mo adidi, na mopɛ sɛ mokɔ a, nea wɔde besi mo anim biara, munni, na ahonim nti mummmisabisa ho nsɛm! 28#1 Ko 8.7 Na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ: Eyi yɛ ɔbosom afɔrebɔde a, nea ɔkyerɛe no ne ahonim nti, munnni! 29Sɛ mise ahonim a, menne wo de, na mede onii no de; na adɛn na obi ahonim bebu me ahofadi atɛn? 30#1 Tim 4.4 Na sɛ mede aseda midi a, adɛn nti na wɔbɛbɔ me dimmɔne nea meda so ase ho? 31#Kol 3.17 Enti sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam!
Abrabɔ pa ho afotu
32 # Rom 14.13 Monnyɛ nea ɛto Yudafo anaa Helafo anaa Onyankopɔn asafo hintidua; 33#1 Ko 9.20-22 sɛnea me nso mehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa nyinaa ani, nneɛma nyinaa mu, na menhwehwɛ nea eye ma me nko ara, na mmom nea eye ma dodow no, na ebia wɔagye wɔn nkwa.

Currently Selected:

1 Korintofo 10: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in