Mateo 6
6
Nneyɛe mu ahokyerɛ
1 Monhwɛ yiye na moanyɛ mo trenee nnipa anim sɛ wobehu mo; anyɛ saa a, munni akatua mo agya a ɔwɔ soro no nkyɛn. 2Enti sɛ woyɛ adɔe a, nhyɛn torobɛnto nni w’anim, sɛnea nyaatwomfo no yɛ no hyiadan mu ne mmorɔn so, sɛnea wobenya nnipa anim anuonyam. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw. 3#Mat 25.37-40; Rom 12.8 Na wo de, woyɛ adɔe a, mma wo benkum nnhu nea wo nifa reyɛ no; 4na w’adɔe aka kokoam, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.
Mpaebɔ mu ahokyerɛ
5 Na sɛ morebɔ mpae a, monnyɛ sɛ nyaatwomfo no; na wɔpɛ sɛ wogyina hyiadan mu ne mmɔnten twea so bɔ mpae, na nnipa ahu wɔn. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw. 6#2 Ah 4.33 Na wo de, worebɔ mpae a, hyɛn wo pia mu, na to wo pon mu bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpae, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.
Mpaebɔ mu kasa tenten
7 #
Yes 1.15
Na sɛ morebɔ mpae a, monnkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfo; na wosusuw sɛ wɔn kasa dodow nti wobetie wɔn! 8#Mat 6.32 Enti monnyɛ sɛ wɔn; na mo agya Onyankopɔn nim nneɛma a ehia mo ansa na moabisa no.
Awurade mpaebɔ
9 #
Luka 11.2-4
Enti mommɔ mpae sɛ:
Yɛn Agya a wowɔ soro,
wo din ho ntew,
10 #
Mat 7.21; Luka 22.42 w’ahenni mmra,
nea wopɛ nyɛ
asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.
11 Ma yɛn yɛn daa aduan nnɛ,
12 #
Mat 6.14-15; 18.21-35 na fa yɛn aka kyɛ yɛn,
sɛnea yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.
13 #
1 Be 29.11-13
Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu,
na yi yɛn fi bɔne mu. # 6.13 Na yi yɛn fi bɔne mu: Nkyerɛase paa ne: Na gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.
[Na wo na ahenni ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.] # 6.13 Tete akyerɛw a wɔgye wɔn tom no afoforo binom mfa eyi nka ho.
14 Na sɛ mode nnipa mfomso kyɛ wɔn a, mo soro agya de mo de bɛkyɛ mo nso. 15#Mar 11.25-26 Na sɛ moamfa nnipa mfomso ankyɛ wɔn a, mo agya no nso remfa mo mfomso nkyɛ mo.
Mmuadadi mu ahokyerɛ
16 #
Yes 58.3-7
Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfo no. Na wonyinnyan wɔn anim sɛnea nnipa behu sɛ wɔredi mmuada. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw. 17Na wo de, woredi abuada a, sra wo tirim, na hohoro w’anim, 18na nnipa anhu sɛ woredi abuada, na mmom w’agya a ɔwɔ kokoam no; na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.
Ɔsoro agyapade de
19 Monnhyehyɛ agyapade asase so, nea nwewee ne nkannare sɛe no, na awifo bubu kowia. 20#Mat 19.21; Luka 12.33-34; Kol 3.1-2 Na mmom monhyehyɛ agyapade ɔsoro, faako a nwewee ne nkannare nsɛe no na awifo mmubu nkowia; 21na nea w’agyapade wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.
Akoma mu hann
22 #
Luka 11.34-36
Nipadua kanea ne aniwa. Enti sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann. 23Na sɛ w’ani nye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum no mu bɛyɛ duru yiye. 24#Luka 16.9; 16.13 Obiara ntumi nsom awuranom baanu. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtan biako na wadɔ biako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata biako no na wabu biako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon.#6.24 MAMON: Ɛyɛ Hela kasa bi a ɛkyerɛ ahonyade.
Akyinnyegye a ɛde ahoyeraw ba
(Luka 12.22-31)
25 #
Flp 4.6; 1 Pe 5.7; 1 Tim 6.6; Heb 13.5 Eyi nti mise mo sɛ: Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaasɛ dɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura. Ɔkra nsen aduan, na nipadua nsen ntama anaa? 26#Mat 10.29-31 Monhwɛ wim nnomaa sɛ wongu na wontwa, na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro agya yɛn wɔn; na monsom bo nsen wɔn anaa? 27Mo mu hena na ɔdwennwen a, obetumi de dakoro ato ne nkwa nna so? 28Na adɛn na mudwinnwen ntama ho? Monhwɛ wuram sukooko, sɛnea enyin; ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa, 29#1 Ah 10 nanso mise mo sɛ, Solomon anuonyam nyinaa mu po wankeka ne ho sɛ eyinom mu biako. 30Na sɛ Onyankopɔn fura wuram ahaban a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde gu fononoo mu no ntama saa a, ɔrenyɛ nea ɛkyɛn eyi mma mo, mo a mo gyidi sua? 31Enti munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura? 32Na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman no di. Na mo soro agya no nim sɛ eyinom nyinaa hia mo. 33#Rom 14.17; 1 Ah 3.13-14; Nnw 37.4; 37.25 Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho. 34#Mat 6.11; Eks 16.19 Enti munnnwinnwen ɔkyena ho; na ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho. Da biara mu bɔne dɔɔso ma ɛda no.
Currently Selected:
Mateo 6: ATWDB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.