Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfo no. Na wonyinnyan wɔn anim sɛnea nnipa behu sɛ wɔredi mmuada. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw. Na wo de, woredi abuada a, sra wo tirim, na hohoro w’anim, na nnipa anhu sɛ woredi abuada, na mmom w’agya a ɔwɔ kokoam no; na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.