Mateo 2
2
Anyansafo no
1 #
Luka 2.1-7
Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, ɔhene Herode bere so no, hwɛ, anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem 2#Num 24.17 bebisaa sɛ: Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahu ne nsoromma wɔ apuei, na yɛreba abɛkotow no. 3Na ɔhene Herode tee no, ɔne Yerusalemfo nyinaa akoma tui; 4na ohyiaa ɔman no mu asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo nyinaa bisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo no. 5#Mika 5.2; Yoh 7.42 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Betlehem a ɛwɔ Yudea; na saa ara na odiyifo no akyerɛw sɛ:
6Na wo Betlehem, Yuda asase,
wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa,
efisɛ wo mu na ɔsafohene
a ɔbɛhwɛ me man Israel no befi aba.
7Ɛnna Herode frɛɛ anyansafo no kokoam, bisaa wɔn bere ko a nsoromma no fii no yiye; 8Afei ɔsomaa wɔn Betlehem sɛ: Monkɔ nkɔhwehwɛ abofra no yiye; na sɛ munya hu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔ nkɔkotow no bi. 9Na wotiee ɔhene asɛm no wiei no, wosiim kɔe; na hwɛ, nsoromma a wohuu no apuei no dii wɔn anim ara de kosii sɛ ekogyinaa faako a abofra no wɔ no atifi. 10Na wohuu nsoromma no no, wɔn ani gyei kɛse pa ara. 11#Nnw 72.10; 72.15; Yes 60.6 Na wɔkɔɔ dan no mu no, wohuu abofra no ne ne na Maria, na wɔkotow sɔree no; na wobuee wɔn fotow so yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne aduhuam ne kurobow. 12Na woyi kyerɛɛ wɔn ɔdae mu sɛ wɔnnsan nnkɔ Herode hɔ bio no, wɔfaa ɔkwan foforo bi so san kɔɔ wɔn kurom.
Woguan kɔ Misraim
13Na wofii hɔ kɔe no, hwɛ, Awurade bɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef ɔdae mu sɛ: Sɔre fa abofra no ne ne na, na guan kɔ Misraim, na kɔtena hɔ kosi sɛ mɛka makyerɛ wo; efisɛ Herode rebɛhwehwɛ abofra no akum no. 14Na ɔsɔre faa abofra no ne ne na anadwo, na ofii hɔ kɔɔ Misraim, 15#Hos 11.1 na ɔwɔ hɔ ara kosii sɛ Herode wui; na nea Awurade nam odiyifo no so kae no aba mu sɛ: Mafrɛ me ba afi Misraim.
Wokunkum mmofra wɔ Betlehem
16Na Herode hui sɛ anyansafo no agoru ne ho no, ne bo fuwii pii; na ɔsoma ma wokokunkum mmofra a wɔ Betlehem ne n’ahye so a wɔadi mfe abien ne wɔn a wonnya nnii saa no nyinaa sɛnea bere no a obisabisaa anyansafo no kyerɛe no. 17#Yer 31.15 Ɛnna nea Odiyifo Yeremia kae no baa mu sɛ:
18 #
Gye 35.19
Wɔtee nne bi Rama,
osu ne awerɛhow kɛse;
Rahel resu ne mma,
na ɔmpɛ sɛ wɔkyekye ne werɛ,
efisɛ wonni hɔ.
Wofi Misraim san ba
19Na Herode wui no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho kyerɛɛ Yosef ɔdae mu wɔ Misraim 20#Eks 4.19 sɛ: Sɔre fa abofra no ne ne na, na kɔ Israel asase so; na wɔn a wɔhwehwɛ abofra no akum no no awu. 21Na ɔsɔre faa abofra no ne ne na, na ɔbaa Israel asase so. 22Na ɔtee sɛ Arkelao di Yudea hene n’agya Herode ananmu no, osuroe sɛ ɔbɛkɔ hɔ; na woyi kyerɛɛ no ɔdae mu no, ɔman kɔɔ Galilea fam. 23#Luka 1.26; 2.39; Yoh 1.46 Na ɔba bɛtenaa kurow bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na nea odiyifo no kae no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni.
Currently Selected:
Mateo 2: ATWDB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.