Mateo 1
1
Yesu awo ntoatoaso
(Luka 3.23-38)
1 #
1 Be 17.11; Gye 22.18 Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awo ntoatoaso. 2#Gye 21.3; 21.12; 25.26; 29.35; 49.10 Abraham woo Isak, Isak woo Yakob, Yakob woo Yuda ne ne nuanom. 3#Gye 38.29-30; Rut 4.18-22 Yuda ne Tamar woo Peres ne Sera, Peres woo Hesron, Hesron woo Ram, 4Ram woo Aminadab, Aminadab woo Nahson, Nahson woo Salmon, 5#Rut 4.13-17 Salmon ne Rahab woo Boas, Boas ne Rut woo Obed, Obed woo Yisai, 6#2 Sa 12.24 na Yisai woo ɔhene Dawid. Na Dawid ne nea kan ɔyɛ Uria yere no woo Solomon, 7#1 Be 3.10-16 na Solomon woo Rehoboam, Rehoboam woo Abigya, Abigya woo Asa, 8Asa woo Yehosafat, Yehosafat woo Yoram, Yoram woo Usia, 9na Usia woo Yotam, Yotam woo Ahas, Ahas woo Hesekia, 10Hesekia woo Manase, Manase woo Amon, Amon woo Yosia, 11na Yosia woo Yekonia ne ne nuanom, bere a wotu kɔtenaa Babel no mu.
12 #
1 Be 3.17; Esra 3.2 Na wotwaa wɔn asu kɔtenaa Babel no akyi no, Yekonia woo Sealtiel, Sealtiel woo Serubabel, 13Serubabel woo Abihud, Abihud woo Eliakim, Eliakim woo Asor, 14na Asor woo Sadok, Sadok woo Akim, Akim woo Elihud, 15na Elihud woo Eleasar, Eleasar woo Matan, Matan woo Yakob, 16#Mat 27.17; 27.22 na Yakob woo Yosef a ɔyɛ Maria a ɔwoo Yesu a wɔfrɛ no Kristo no ne kunu.
17Na awo ntoatoaso a efi Abraham so de besi Dawid so nyinaa yɛ dunan, na efi Dawid so de besi sɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no yɛ awo ntoatoaso dunan, na efii sɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no de besi Kristo so no nso yɛ awo ntoatoaso dunan.
Yesu awo
18 #
Luka 1.35
Na sɛnea Yesu Kristo awo te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef asiwayere, na wonnya nhyiaa mu no, wohui sɛ ɔyem nea efi Honhom Kronkron mu. 19Na ne kunu Yosef yɛ onipa trenee, na ɔmpɛ sɛ ogu Maria anim ase guam nti, ɔbɔɔ ne tirim sɛ obegyaa no kokoam. 20#Mat 1.18 Na ɔredwennwene eyinom no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ no ɔdae mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na nea ɔyem no no fi Honhom Kronkron mu. 21#Luka 1.31; 2.21; Aso 4.12 Na ɔbɛwo babanin, na woato ne din Yesu, efisɛ ɔno na obegye ne man afi wɔn bɔne mu. 22#Yes 7.14 Na eyi nyinaa yɛɛ hɔ, na nea Awurade nam odiyifo no so kae no aba mu sɛ:
23Hwɛ, ababaa no benyinsɛn, na wawo babanin,
na wɔato ne din Imanuel
(a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ).
24Na Yosef fii nna mu nyanee no, ɔyɛe sɛnea Awurade bɔfo no hyɛɛ no no, na ɔkɔfaa ne yere no baa ne nkyɛn. 25#Luka 2.7 Na Yosef ne no anhyia mu de kosii da a ɔwoo ɔbabanin; na ɔtoo ne din Yesu.
Currently Selected:
Mateo 1: ATWDB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.