Nnwom 89
89
Mpaeɛ a wɔbɔ ma Dawid fie
Esrahini Etan nnweneho dwom.
1Mɛto AWURADE adɔeɛ ho dwom daa,
mede m’ano bɛka wo nokorɛdie makyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ;
2na mɛka sɛ: Adɔeɛ bɛsi so daa,
ɔsoro hɔ na wode nokorɛdie atintim.
3 #
Dwom 132.11; Yes 55.3; Aso 2.30 Me ne deɛ mayi no no apam apam bi,
maka ntam makyerɛ m’akoa Dawid:
4Mɛma w’asefoɔ atim akɔsi daa,
na mama w’ahennwa asi so akɔduru awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ so.
5Na ɔsoro yi wo, AWURADE, anwanwadeɛ ayɛ,
ne wo nokorɛ nso wɔ akronkronfoɔ asafo mu.
6 #
Hiob 1.6
Na hwan na ɔwɔ wiem a wɔde no bɛto AWURADE ho,
hwan na ɔsɛ AWURADE, anyame mma mu?
7Onyankopɔn a ne ho yɛ hu, akronkronfoɔ dwabɔ kɛseɛ no mu,
na wɔsuro no sene wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.
8 #
Dwom 115.3
AWURADE, asafo Nyankopɔn,
hwan na ɔte sɛ woɔ?
Otumfoɔ AWURADE, wo nokorɛdie atwa wo ho ahyia.
9 #
Mat 8.26; Dwom 65.7 Wo na wodi ɛpo mfumpaabuo soɔ,
sɛ n’asorɔkyeɛ sɔre a, wo na wodwodwo ano.
10 #
Dwom 87.4
Wo na woabubu Rahab pasaa sɛ ɔtɔfoɔ,
wode wo tumi nsa abɔ w’atamfo apansam.
11 #
Dwom 24.1
Ɔsoro wɔ wo, asase nso wɔ wo;
wiase ne ne mayɛ, wo na wohyɛɛ aseɛ.
12Atifi fam ne anafoɔ fam, wo ara na wobɔeɛ,
Tabor ne Hermon di wo din mu ahurisie.
13Tumi basa ne mmarimayɛ wɔ wo,
wo nsa yɛ den, wɔama wo nifa so.
14 #
Dwom 97.2
Tenenee ne atemmuo ne w’ahennwa nnyinasoɔ,
adɔeɛ ne nokorɛ gyina w’anim.
15Nhyira ne ɔman a wɔnim osebɔ
na wɔnante wo, AWURADE, anim hann mu.
16Wo din mu na wɔn ho bɛsɛpɛ wɔn daa nyinaa,
na wo tenenee mu na wɔama wɔn soɔ.
17Na wɔn ahoɔden ahyehyɛdeɛ ne wo,
na w’adom mu na wɔama yɛn abɛn soɔ.
18 #
Dwom 47.9
Na AWURADE na yɛn kyɛm wɔ no,
na Israel Kronkronni no na yɛn hene wɔ no.
19 #
Dwom 89.3; 1 Sa 13.14 Da bi wokasaa anisoadehunu mu
kyerɛɛ w’ahotefoɔ sɛ:
Madi maboa ɔbarima bi,
mama obi a wɔayi no firi ɔman no mu so.
20 #
1 Sa 16.13
Mahunu m’akoa Dawid,
mede me ngo kronkron masra no.
21Ɔno na me nsa bɛma no atim,
na me basa nso ahyɛ no den.
22Ɔtamfoɔ bi rensisi no,
na obusuyɛfoɔ bi renhyɛ no so.
23Na mɛbubu n’anim ahohiahiafoɔ,
na mabobɔ wɔn a wɔtane no.
24 #
1 Sa 2.10; Dwom 132.17 Na me nokorɛdie ne m’adɔeɛ ne no bɛtena,
na me din mu na wɔbɛma n’abɛn soɔ.
25 #
Dwom 72.8
Na mede ne nsa bɛsi po mu,
na mede ne nifa masi nsubɔntene so.
26 #
2 Sa 7.14
Ɔno deɛ, ɔbɛfrɛ me sɛ: Wone m’agya,
me Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ botan!
27Na me nso mede no bɛyɛ m’abakan,
asase so ahemfo mu pumpuni.
28 #
Yes 54.10
Mɛkora m’adɔeɛ mama no daa,
na m’apam atim hɔ ama no.
29Mɛma n’asefoɔ atena hɔ daa,
ne n’ahennwa sɛ ɔsoro nna.
30Sɛ ne mma gya me mmara
na wɔnnante m’atemmudeɛ mu,
31sɛ wɔgu m’ahyɛdeɛ ho fi
na wɔnni me mmaransɛm so a,
32ɛno deɛ mede abaa bɛba abɛtwe wɔn aso, wɔn mmarato ho,
na mede ɔhaw ahodoɔ mabɛtwe wɔn aso, wɔn amumuyɛ ho.
33Na m’adɔeɛ deɛ, merenyi memfiri ne ho,
na merenyɛ me nokorɛdie no ho nsakyirinsayam.
34Merengu m’apam ho fi,
na merensakyera deɛ afiri m’anomu no.
35Maka me kronkronyɛ ho ntam baako,
merenni Dawid hwammɔ.
36 #
Dwom 72.17
N’asefoɔ bɛtena hɔ daa,
na n’adwa ayɛ m’anim sɛ owia.
37 #
Gye 9.13
Ɛbɛtim hɔ sɛ ɔsrane daa,
sɛ ɔdanseni nokwafoɔ a ɔwɔ wiem.
38 #
Dwom 44.9-24; 74; 79 Na wo ara deɛ, woato atwene na ayɛ wo nwunu,
na woafa deɛ woasra no no abufuo.
39Woapo w’akoa apam,
woagu n’abotire ho fi de ato fam.
40Woadwiri ne ban nyinaa agu,
woama n’aban akɛseɛ ayɛ agoago.
41 #
Dwom 80.12
Wɔn a wɔtwam ɔkwan no soɔ nyinaa fom no fa,
wayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete ne ho.
42Woama n’ahohiahiafoɔ nifa so,
woama n’atamfo nyinaa ani agye.
43Aane, woadane n’afena ano nso,
na woamma no annyina ɔsa mu.
44Woama n’animuonyam apa,
na woato n’adwa atwene fam.
45Woatwa ne mmeranteberɛ nna so,
wode aniwuo abum ne so.
46 #
Dwom 85.5
Ɛnkɔsi da bɛn, AWURADE, na wode wo ho bɛhunta daa
ama w’abufuo adɛre sɛ ogya?
47 #
Dwom 90.9-10
Kae me nna tiaa a ɛyɛ:
Ade hunu yi ara nti na wobɔɔ nnipa mma nyinaa?
48Ɔdasani bɛn na ɔte ase a ɔrenhunu owuo,
na ɔbɛyi ne kra afiri Asamando nsam?
49 #
Dwom 85.1
Ɛhe na wo kane adɔeɛ no wɔ, AWURADE,
deɛ wokaa ho ntam kyerɛɛ Dawid, wo nokorɛ mu no?
50AWURADE, kae wo nkoa ahohora
a ɛfiri aman dodoɔ no nyinaa mu a ɛda me koko soɔ.
51AWURADE, w’atamfo bɔ ahohora,
wɔbɔ deɛ woasra no no anammɔn ahohora!
52 #
Dwom 41.13
Nhyira nka AWURADE daa.
Amen ne Amen.
Currently Selected:
Nnwom 89: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012