Nnwom 88
88
Sɔhwɛ kɛseɛ mu mpaebɔ
Kora mma dwom a wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sankuo nne so. Esrahini Heman nnweneho dwom.
1AWURADE, me nkwagyeɛ Nyankopɔn,
mesu mefrɛ, w’anim, awia ne anadwo,
2ma me mpaebɔ nnuru w’anim,
na brɛ w’aso ase ma me nteamu.
3Na nnebɔne afono me kra,
na me kra rebɛn Asamando.
4Wɔkane me fra wɔn a wɔkɔ Amena mu mu,
mayɛ sɛ ɔbarima a ɔnni mmoa biara.
5Wɔato me atwene awufoɔ mu
sɛ atɔfoɔ a wɔde wɔn agu ɛda mu
a wonkae wɔn bio,
na wɔatwa wɔn afiri wo nsam.
6Wode me ato Amena donkodonko mu,
esum mu, ebunu ase tɔnn.
7 #
Dwom 42.7
W’abufuhyeɛ hyɛ me so,
na woma w’asorɔkyeɛ nyinaa gu me so.
8 #
Dwom 88.18; 31.11; 38.11 Woayi m’amannifoɔ
afiri me nkyɛn kɔ akyirikyiri,
wode me ayɛ wɔn akyiwadeɛ,
woato me mu a meremfiri adie.
9Amaneɛ ama m’ani akusa,
mefrɛ wo, AWURADE, da mu nyinaa,
metrɛ me nsam mekyerɛ wo.
10 #
Dwom 6.5
Wobɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ awufoɔ,
anaasɛ nsamanfoɔ bɛsɔre ayi wo ayɛ?
11Wɔbɛka w’adɔeɛ ɛda mu
anaa wo nokorɛdie ɔsɛeɛ amena mu?
12Wɔbɛhunu w’anwanwadeɛ, esum mu,
ne wo tenenee awerɛfire asase so?
13Na me deɛ, wo, AWURADE, na mesu mefrɛ,
na me mpaebɔ tua wo nhema.
14AWURADE, adɛn na woto me kra twene,
adɛn nti na wode w’anim hunta me?
15Meyɛ mmɔborɔni, na mereyɛ mawu firi me mmɔfraase,
wo ho hu akuta me, na metɔ ntintan.
16W’abufuo abu afa me so,
wo ho hu atware me;
17atwa me ho ahyia te sɛ nsuo da mu nyinaa,
ɛbom twa me ho kanko.
18 #
Dwom 88.8
Woayi ɔdɔfo ne adamfo afiri me nkyɛn kɔ akyirikyiri,
na me manni kɔ sum mu.
Currently Selected:
Nnwom 88: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012