Nnwom 47
47
Onyankopɔn di hene
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom.
1Aman nyinaa, mommɔ mo nsam,
momfa anigyeɛ nhuro mmɔ ose mma Onyankopɔn.
2Na AWURADE a ɔwɔ sorosoro no ho yɛ hu,
ɔyɛ ɔhenkɛseɛ asase nyinaa so.
3Ɔbrɛ aman ase de hyɛ yɛn ase,
na ɔde nkurɔfoɔ hyɛ yɛn nan ase.
4 #
Dwom 16.6
Ɔyi yɛn apɛgyadeɛ ma yɛn,
Yakob a ɔdɔ no no animuonyam.
5 #
Dwom 68.18
Onyankopɔn de anigyeɛ huro kɔ ɔsoro,
AWURADE de totorobɛnto gyegyeɛ kɔ.
6Monto Nyankopɔn dwom, monto ayeyie dwom,
monto dwom mma yɛn hene, monto ayeyie dwom.
7 #
Dwom 93.1
Na Onyankopɔn ne asase nyinaa so hene,
mommɔ sankuo nto nnweneho dwom.
8Onyankopɔn di amanaman so hene,
Onyankopɔn te n’ahennwa kronkron so.
9 #
Dwom 89.18
Aman ahene boaboa wɔn ho ano,
Abraham Nyankopɔn man.
Na asase so akyɛm yɛ Onyankopɔn dea,
wɔama no so kɛse.
Currently Selected:
Nnwom 47: ASW
Highlight
Share
Compare
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012