YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 46

46
“Yɛn Nyankopɔn ne abankɛseɛ”
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. Wɔnto no “Alamot” sankuo nne so.
1Onyankopɔn yɛ yɛn dwanekɔbea ne ahoɔden,
ahohia mu boafoɔ pa a wɔanya no nhunuiɛ.
2Enti sɛ asase ani dane butu,
na mmepɔ tutu gu po bunu mu,
3na emu nsuo woro na ɛhuru
na n’asorɔkyeɛ ma mmepɔ woso mpo a, yɛrensuro.
4 # Dwom 48.1; 2 Ah 19.21; Yes 12.3 Asuo bi, ne mmɔmu ma Nyankopɔn kuro ani gye,
ɔsorosoroni tenabea kronkron no.
5Onyankopɔn te mfimfini, ɛnwoso,
Onyankopɔn boa no anɔpahema.
6Amanaman yɛ hoo, ahennie wosowoso,
ɔma ne nne so ma asase nane.
7Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ,
Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.
8 # 2 Ah 19.35 Mommra mmɛhwɛ AWURADE nnwuma,
ɔsɛeɛ ko a wama no aba asase soɔ.
9 # Dwom 76.3 Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano,
ɔbubu tadua mu na ɔtwitwa pea mu asinasini,
ɔde ogya hye nteaseɛnam.
10Monyɛ komm na monhunu sɛ mene Onyankopɔn.
Wɔmma me so amanaman mu,
wɔmma me so asase so.
11Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ,
Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.

Currently Selected:

Nnwom 46: ASW

Highlight

Share

Compare

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in