YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 121

121
Israel hwɛfoɔ
Ɔsoroforɔ dwom.
1 # Dwom 26.6-8 Mɛma m’ani so makyerɛ mmepɔ no,
ɛhe na me mmoa firi bɛba?
2Me mmoa firi AWURADE,
ɔsoro ne asase yɛfoɔ no.
3Ɔremma wo nan nwatiri,
deɛ ɔhwɛ woɔ no rentɔ nko.
4Hwɛ, deɛ ɔhwɛ Israel no,
ɔrento nko, na ɔrenna.
5AWURADE ne wo hwɛfoɔ,
AWURADE ne wo nwunu,
wo nsa nifa so.
6 # Sak 4.7 Owia renhye wo awia,
anaa ɔsrane, anadwo.
7AWURADE bɛhwɛ wo so bɔne nyinaa ho,
ɔbɛhwɛ wo kra so.
8AWURADE bɛhwɛ
w’adifire ne wo fieba so
afiri seesei de akɔsi daa.

Currently Selected:

Nnwom 121: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in