Nnwom 120
120
Nkɔnkɔnsafoɔ
Ɔsoroforɔ dwom.
1AWURADE na m’ahohia mu mesu mefrɛɛ no,
na ɔtiee me.
2AWURADE, yi me kra
firi atorɔ ano,
firi nnaadaa tɛkyerɛma mu.
3Ɛdeɛn na wɔmfa mma woɔ,
na ɛdeɛn na wɔmfa nka wo ho,
wo nnaadaa tɛkyerɛma?
4Ɔbrane agyan hwerɛmhwerɛm
ne ogya nsramma kɔɔ na ɛbɛyɛ wo kyɛfa.
5Mennue sɛ mabɛsoɛ Mesek
na matena Kedar ntomadan mu!
6Me kra ne wɔn a wɔtane asomdwoeɛ
atena akyɛre dodo.
7 #
Num 6.24
Me deɛ, meyɛ asomdwoeɛni,
nanso sɛ mekasa a,
wɔn deɛ, wɔpɛ ɔko.
Currently Selected:
Nnwom 120: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012