YouVersion Logo
Search Icon

Mmebusɛm 11

11
Teefoɔ ahotɔ ne abɔnefoɔ ahoyera
1 # Mmb 16.11; 20.10; Lew 19.35 Nsisie nsania yɛ AWURADE akyiwadeɛ,
na abrammo a ɛtene no yɛ no anisɔ.
2 # Mmb 16.18; 18.12 Ahantan ba a, na aniwuo ba,
na ahobrɛasefoɔ na nyansa ne wɔn teɛ.
3 # Dwom 52.5 Teefoɔ pɛyɛ bɛgya wɔn,
na nkontompofoɔ nnaadaa bɛsɛe wɔn.
4 # Mmb 10.2 Adedodoɔ nyɛ mma hwee abufuo da,
na tenenee gye onipa firi owuo mu.
5Pɛyɛfoɔ tenenee bɛtene ne kwan,
na ɔbɔnefoɔ deɛ ɔbɛhwe ase n’abɔnefosɛm mu.
6Teefoɔ tenenee bɛgye wɔn,
na nkontompofoɔ deɛ mmusubɔ mu na wɔbɛkye wɔn.
7 # Mmb 10.28 Onipa bɔne wu a, n’anidasoɔ yera,
na amumuyɛfoɔ kwanhwɛ yera.
8 # Mmb 21.18; Yes 43.3 Wɔbɛyi ɔteneneeni afiri ahohiahia mu,
na ɔbɔnefoɔ abɛsi n’ananmu ahunu amane.
9Ɔdebɔneyɛni de n’ano sɛe ne yɔnko,
na teneneefoɔ nimdeɛ na wɔde bɛyi wɔn.
10Teneneefoɔ di yie a, ɔman ho sane wɔn,
na abɔnefoɔ sɛe a, wɔhuro.
11 # Mmb 28.12; 29.2 Ɛnam teefoɔ nhyira so na wɔma kuro soɔ,
na ɛnam abɔnefoɔ anomu nsɛm so na wɔbɔ no.
12Deɛ ɔyi ne yɔnko ahi nni ti,
na nhunumu nipa mua n’ano.
13Nsekuni nenam yi ahuntasɛm adi,
na nokorɛ honhom kata asɛm so.
14Deɛ akwankyerɛ nnie no, ɔman hwe ase,
na ɔmannwoeɛ wɔ agyinatufoɔ dodoɔ mu.
15 # Mmb 6.1-2 Deɛ ɔdi hɔhoɔ agyinamu no, ɛbɛwie no bɔne,
na deɛ ɔtane agyinamudeɛ no aso mu dwo no.
16Ɔbaa a n’anim teɛ nya animuonyam,
na ɔhoɔdenfoɔ deɛ ɔnya ahonyadeɛ kwa.
17Ɔyamyiefoɔ yɛ ne kra yie,
na otirimuɔdenfoɔ ha ɔno ara ne honam.
18Ɔbɔnefoɔ yɛ adwuma hunu,
na deɛ ɔgu tenenee no nya nokorɛ akatua.
19 # Mmb 19.23 Deɛ ɔtim tenenee mu no kɔ nkwa mu,
na deɛ ɔti bɔne no nya owuo.
20AWURADE akyiwadeɛ ne akoma kontonkyifoɔ,
na wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ sɔ n’ani.
21Ampa ara, ɔbɔnefoɔ renni bem.
Na teneneefoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛgye wɔn.
22 # Mmb 31.30 Sɛ sika adwinneɛ teɛ wɔ prako hwene mu no,
sɛ ɔbaabereɛ a wapo deɛ ɛfata teɛ ne no.
23 # Mmb 11.7 Teneneefoɔ adeɛ a wɔpɛ yɛ papa nko ara,
na abɔnefoɔ deɛ anidasoɔ dane wɔn abufuo.
24Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so dɔre ara,
na obi di adɔna tra so, nanso ɛhia no ara.
25 # Mmb 19.17 Nhyira kra bɛdɔre sradeɛ,
na deɛ ɔma ebinom meeɛ nso bɛmee.
26Deɛ ɔkora aburoo no, nkurɔfoɔ dome no,
na nhyira ba deɛ ɔtɔn no so.
27Deɛ ɔpɛ papa akyiri kwan no hwehwɛ anisɔ,
na deɛ ɔdi bɔne akyire no, ɛba ne so.
28 # Dwom 52.7-8 Deɛ ɔde ne ho to n’ahonyadeɛ soɔ no bɛhwe ase,
na ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahahan.
29Deɛ ɔha ne fie bɛdi mframa,
na ogyimifoɔ bɛyɛ akoma mu nyansafoɔ akoa.
30 # Mmb 3.18; 15.4 Ɔteneneeni aba yɛ nkwa dua,
na onyansafoɔ deɛ ɔnya akra.#11.30 Tete atwerɛ a wɔgye to mu binom ka no sɛ: Na mmaratofoɔ sɛe akra.
31 # 1 Pe 4.17-18 Hwɛ, sɛ wɔtua ɔteneneeni ka asase so a,
na nkantom ɔbɔnefoɔ ne omumuyɛfoɔ.

Currently Selected:

Mmebusɛm 11: ASW

Highlight

Share

Compare

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in