1
Mmebusɛm 11:25
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Nhyira kra bɛdɔre sradeɛ, na deɛ ɔma ebinom meeɛ nso bɛmee.
Compare
Explore Mmebusɛm 11:25
2
Mmebusɛm 11:24
Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so dɔre ara, na obi di adɔna tra so, nanso ɛhia no ara.
Explore Mmebusɛm 11:24
3
Mmebusɛm 11:2
Ahantan ba a, na aniwuo ba, na ahobrɛasefoɔ na nyansa ne wɔn teɛ.
Explore Mmebusɛm 11:2
4
Mmebusɛm 11:14
Deɛ akwankyerɛ nnie no, ɔman hwe ase, na ɔmannwoeɛ wɔ agyinatufoɔ dodoɔ mu.
Explore Mmebusɛm 11:14
5
Mmebusɛm 11:30
Ɔteneneeni aba yɛ nkwa dua, na onyansafoɔ deɛ ɔnya akra.
Explore Mmebusɛm 11:30
6
Mmebusɛm 11:13
Nsekuni nenam yi ahuntasɛm adi, na nokorɛ honhom kata asɛm so.
Explore Mmebusɛm 11:13
7
Mmebusɛm 11:17
Ɔyamyiefoɔ yɛ ne kra yie, na otirimuɔdenfoɔ ha ɔno ara ne honam.
Explore Mmebusɛm 11:17
8
Mmebusɛm 11:28
Deɛ ɔde ne ho to n’ahonyadeɛ soɔ no bɛhwe ase, na ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahahan.
Explore Mmebusɛm 11:28
9
Mmebusɛm 11:4
Adedodoɔ nyɛ mma hwee abufuo da, na tenenee gye onipa firi owuo mu.
Explore Mmebusɛm 11:4
10
Mmebusɛm 11:3
Teefoɔ pɛyɛ bɛgya wɔn, na nkontompofoɔ nnaadaa bɛsɛe wɔn.
Explore Mmebusɛm 11:3
11
Mmebusɛm 11:22
Sɛ sika adwinneɛ teɛ wɔ prako hwene mu no, sɛ ɔbaabereɛ a wapo deɛ ɛfata teɛ ne no.
Explore Mmebusɛm 11:22
12
Mmebusɛm 11:1
Nsisie nsania yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na abrammo a ɛtene no yɛ no anisɔ.
Explore Mmebusɛm 11:1
Home
Bible
Plans
Videos