YouVersion Logo
Search Icon

Yesaia 62

62
Sion daakye animuonyam
1Sion nti meremmua m’ano,
na Yerusalem nti merenyɛ komm,
de bɛkɔ akɔsi sɛ ne tenenee bepue sɛdeɛ adekyeeɛ haran,
na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ tɛnee.
2 # Yes 65.15; Adi 2.17 Na amanaman bɛhunu wo bembuo,
na ahemfo nyinaa ahunu w’animuonyam,
na wɔato wo din foforɔ
a AWURADE ano bɛkyerɛ no.
3Na wobɛyɛ ahokeka abotire, AWURADE nsa mu
ne ɔhene abotitene, wo Nyankopɔn nsam.
4 # Yes 60.15; Hos 2.19 Wɔremfrɛ wo sɛ: Deɛ wɔagya no, bio,
na w’asase nso, wɔrense no sɛ: Afo, bio,
na mmom wɔbɛfrɛ wo sɛ: Hefsiba,#62.4 Hebri no asekyerɛ ne: M’anisɔ wɔ ne mu.
ne w’asase nso sɛ: Beula,#62.4 Hebri no asekyerɛ ne: Ɔbaa warefoɔ.
ɛfiri sɛ AWURADE ani sɔ wo,
na w’asase nso, wɔbɛware no.
5 # Sef 3.17 Na sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaa no,
sɛ wo mma bɛware woɔ ne no.
Sɛdeɛ ayeforɔkunu ho sɛpɛ no ayeforɔ ho no,
saa ara nso na wo Nyankopɔn ho bɛsɛpɛ no wo ho.
6 # Yes 52.8 W’afasuo so, O Yerusalem,
na mede awɛmfoɔ maduadua.
Adekyeeɛ nyinaa ne anadwo nyinaa daa,
wɔremmua wɔn ano;
mo a mokae AWURADE no,
monnyɛ komm koraa.
7Na mommma no nnye n’ahome
kɔsi sɛ ɔbɛtoto Yerusalem
ama no asi hɔ ayɛ ayeyie wɔ asase soɔ.
8 # Yes 65.21-22 AWURADE aka ne nifa ne
ne tumi basa ho ntam sɛ:
Meremfa w’ayuo memma
w’atamfo nni bio,
na ananafoɔ mma rennom wo nsa
a wobrɛɛ ho no.
9Na wɔn a wɔboa ano na wɔbɛdi
ayi AWURADE ayɛ,
na wɔn a wɔde ba efie no bɛnom,
wɔ me kronkronbea abannwa so.
10 # Yes 57.14 Monsene, monsene mfa kuro apono no mu,
mommɔ ɔman no kwan;
montu ngu so, montu ngu so nyɛ no tempɔn,
montase so aboɔ;
monsi aman no so frankaa.
11 # Sak 9.9; Yes 40.10; Adi 22.12 Hwɛ, AWURADE ama wɔate
akɔduru asase awieeɛ nohoa sɛ:
Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ:
Hwɛ, wo nkwagyeɛ reba;
hwɛ, n’akatua ka ne ho,
na n’ananmuhyɛ di n’anim.
12 # Yes 35.10 Na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ ɔman kronkron,
wɔn a AWURADE agye wɔn,
na wo nso, wɔbɛfrɛ wo Deɛ wɔahwehwɛ n’akyiri kwan,
kuro a wɔannyaa no.

Currently Selected:

Yesaia 62: ASW

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in