1
Yesaia 62:4
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Wɔremfrɛ wo sɛ: Deɛ wɔagya no, bio, na w’asase nso, wɔrense no sɛ: Afo, bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo sɛ: Hefsiba, ne w’asase nso sɛ: Beula, ɛfiri sɛ AWURADE ani sɔ wo, na w’asase nso, wɔbɛware no.
Compare
Explore Yesaia 62:4
2
Yesaia 62:6-7
W’afasuo so, O Yerusalem, na mede awɛmfoɔ maduadua. Adekyeeɛ nyinaa ne anadwo nyinaa daa, wɔremmua wɔn ano; mo a mokae AWURADE no, monnyɛ komm koraa. Na mommma no nnye n’ahome kɔsi sɛ ɔbɛtoto Yerusalem ama no asi hɔ ayɛ ayeyie wɔ asase soɔ.
Explore Yesaia 62:6-7
3
Yesaia 62:3
Na wobɛyɛ ahokeka abotire, AWURADE nsa mu ne ɔhene abotitene, wo Nyankopɔn nsam.
Explore Yesaia 62:3
4
Yesaia 62:5
Na sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaa no, sɛ wo mma bɛware woɔ ne no. Sɛdeɛ ayeforɔkunu ho sɛpɛ no ayeforɔ ho no, saa ara nso na wo Nyankopɔn ho bɛsɛpɛ no wo ho.
Explore Yesaia 62:5