YouVersion Logo
Search Icon

Yesaia 21

21
Babel, Edom ne Arabia ho atemmusɛm
1 # Yes 13; 14 Mpoano serɛ ho atemmusɛm nie:
Sɛdeɛ ahum tutu firi Negeb ba no,
saa ara na ɛfiri serɛ soɔ,
ɛfiri asase a ɛso yɛ hu so ba.
2Anisoadehunu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me:
Ɔfomfafoɔ refom fa,
ɔsɛefoɔ resɛesɛe.
O Elam, foro bra!
O Media, bɛka no hyɛ mu!
Mɛma n’apinisie nyinaa
to atwa.
3Enti m’asene mu ka me dwɛɛdwɛɛ,
ɛkyem aka me
sɛ ɔwofoɔ kyem;
yea a ɛyɛ me nti, mente asɛm,
me ho a ɛyera me nti, menhunu adeɛ,
4m’akoma ka paripari, ehu ama mayɛ titiritii,
ama anwummerɛ hann a mehwehwɛeɛ no
adane me ahopopoɔ.
5Wɔto pono no,
wɔsesɛ kuntu akɛtɛ,
wɔdidi na wɔnom.
O Asafohene, monsɔre!
Monsra akyɛm ho ngo.
6Na deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie:
Kɔ, fa ɔwɛmfoɔ
kɔgyina hɔ, deɛ ɔbɛhunu no, ma ɔnka.
7Sɛ ɔhunu nteaseɛnam, apɔnkɔsotefoɔ baanu baanu,
mfunumu-so-tenafoɔ ne nyoma-so-tenafoɔ;
na ɔwɛn n’aso
wɛn pa ara.
8 # Hab 2.1 Na ɔteaa mu sɛ gyata sɛ:
O AWURADE, megyina awɛneeɛ ha ara
adekyeeɛ daa,
na megyina m’ahwɛeɛ ara
anadwo nyinaa,
9 # Adi 18.2 na hwɛ, nteaseɛnam ne nnipa,
apɔnkɔsotefoɔ baanu baanu na wɔreba yi.
Na ɔgyee so sɛ:
Ahweaseɛ oo! Babel ahwe ase!
Na n’anyame ahoni nyinaa,
wɔabubu agu fam.
10M’adeɛ a wɔaporeɛ ne m’ayuporeeɛ ase ba!
Deɛ mate no asafo AWURADE,
Israel Nyankopɔn, anomu no, na maka makyerɛ woɔ yi.
Duma a ɛne Edom ho atemmusɛm
11 # Yer 49.7; Deut 2.5 Duma ho atemmusɛm nie:
Obi bɔn me firi Seir sɛ:
Ɔwɛmfoɔ, anadwo mu dasuo bɛn nie?
Ɔwɛmfoɔ, anadwo mu dasuo bɛn nie?
12Ɔwɛmfoɔ no se:
Adeɛ rekye, na adesaeɛ nso reba;
sɛ mobɛbisa a, mommisa, monsane mmra.
Arabia ho atemmusɛm
13Arabia ho atemmusɛm nie:
Dedanim akwantemfoɔ asafo,
Arabia kwaeɛ mu na mobɛsoɛ.
14Momfa nsuo mmɛhyia wɔn a sukɔm de wɔn,
Tema asase sofoɔ,
momfa paanoo mmɛhyia adwanefoɔ;
15ɛfiri sɛ mfena ano na wɔredwane,
afena a wɔatwe
ne tadua a wɔapono
ne ɔko denden ano.
16 # Yes 16.14 Na deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Ɛha afe sɛ ɔpaani mfeɛ#21.16 ƆPAANI MFEƐ: Yei hyɛ aseɛ firi berɛ a wɔfaa no no, de kɔsi berɛ a ɔde wiee ne paadie no. teɛ no, na Kedar animuonyam nyinaa asa koraa, 17na Kedar mma mu nnɔmmarima tadua dodoɔ nkaeɛ no bɛsua, ɛfiri sɛ Israel Nyankopɔn na aka.

Currently Selected:

Yesaia 21: ASW

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in