Yesaia 20
20
Asiriafoɔ nkonimdifoɔ no
1 #
2 Ah 18.17
Afe a Tartan baa Asdod, berɛ a Asiriahene Sargon somaa no na ɔne Asdod koeɛ na ɔfaeɛ no, 2#Hes 24.24 ɛberɛ no ara mu na AWURADE nam Amos ba Yesaia so kaa sɛ: Kɔ na kɔyi ayitoma no firi w’asene mu, na sane wo mpaboa firi wo nan ase: Na ɔyɛɛ saa daa adagya de nammɔnhunu nanteeɛ. 3Na AWURADE kaa sɛ: Sɛdeɛ m’akoa Yesaia nam adagya ne nammɔnhunu, na wayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ mfeɛ mmiɛnsa Misraim ne Etiopia ho yi, 4saa ara nso na Asiriahene bɛka Misraim nnommum ne Etiopia atukɔfoɔ, mmeranteɛ ne mpanin akorɔ na wɔanante adagya ne nnammɔnhunu, na wɔn to adeda hɔ, na Misraim ani awu. 5Na wɔn ho bɛpopo na wɔn ani awu, Etiopia a wɔn ani da soɔ ne Misraim a ɛyɛ wɔn animuonyam no ho, 6na ɛpo yi anofoɔ bɛka no ɛda no sɛ: Hwɛ, sɛdeɛ yɛn anidasoɔ a yɛdwane kɔhyɛɛ hɔ sɛ wɔmmoa yɛn nnye yɛn Asiriahene anim no teɛ nie! Na afei yɛn deɛ, yɛbɛyɛ dɛn na yɛafiri mu?
Currently Selected:
Yesaia 20: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012