YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis NHYƐNMU

NHYƐNMU
Edin Gyenesis a wɔde ato nwoma yi aseɛ ne mfitiaseɛ. Nwoma no ka sɛdeɛ wɔbɔɔ wiase ne adasamma ne deɛ ɛyɛɛ a bɔne ne amanehunu baa wiase. Ɛka ɔkwan a Onyankopɔn de nnipa fa so nso ho asɛm. Wɔtumi kyɛ Gyenesis nwoma no mu mmienu ma ɛyɛ yie.
1. Ti 1—11 ka sɛdeɛ wɔbɔɔ wiase ne adasamma ho abakɔsɛm. Ɛha na wɔka Adam ne Hawa, Kain ne Habel, Noa ne nsuyire no ne Babel Abantenten no ho asɛm.
2. Ti 12—50 ka Israelfoɔ tetefoɔ ho asɛm. Abraham na ɔdi kan. Ne gyidie ne ɔsetie a ɔyɛ maa Onyankopɔn nti, ɛmaa no gyee din kɛseɛ. Abraham akyi na Isak ne Abraham nana Yakob a wɔsane frɛ no Israel no die. Yakob woo mmammarima dummienu. Wɔn na wɔhyɛɛ Israel mmusuakuo dummienu no aseɛ. Yosef ka Yakob mmammarima dummienu no ho deɛ, nanso nsɛm a wɔka fa ne ho no yɛ sononko. Ɛnam ne so na Yakob ne ne mma a aka no ne wɔn yerenom ne wɔn mma kɔfirii Misraim kɔtenaa hɔ. Nwoma yi ka nnipa ho nsɛm deɛ, nanso deɛ Onyankopɔn ayɛ no titire na ɛsi so dua. Ɛde adebɔ na ɛfiri aseɛ, na ɛde bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ sɛ ɔbɛkɔ so ahwɛ ne nkurɔfoɔ so daa no awie. Onyankopɔn na nwoma no ka ne ho asɛm titire. Ɔbu atɛn, na ɔtwe wɔn a wɔyɛ bɔne aso. Ɔsane ma wɔn akwankyerɛ, na wadanedane wɔn aboa wɔn wɔ wɔn asetena mu. Wɔtwerɛɛ nwoma yi akyɛ. Ɛka nnipa gyidie ho asɛm sɛ ɛbɛyɛ a saa gyidie no bɛtim.
EMU NSƐM
Wɔbɔɔ wiase ne adasamma 1.1—2.25
Bɔne ne amanehunu mfitiaseɛ 3.1-24
Ɛfiri Adam so kɔsi Noa so 4.1—5.32
Noa ne nsuyire ho asɛm 6.1—10.32
Babel Abantenten ho asɛm 11.1-9
Ɛfiri Sem so kɔsi Abram so 11.10-32
Tete Agyanom: Abraham, Isak ne Yakob ho nsɛm 12.1—35.29
Esau asefoɔ 36.1-43
Yosef ne ne nuanom ho asɛm 37.1—45.28
Israelfoɔ kɔtenaa Misraim 46.1—50.26

Currently Selected:

Gyenesis NHYƐNMU: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy