YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 1

1
Adebɔ mfitiaseɛ
1 # Dwom 104; Aso 17.24; Adi 4.11; Heb 11.3; Yoh 1.1-3 Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. 2Na asase da hɔ hunu a ɛnni bɔbea biara, na esum wɔ ebunu no ani. Na Onyankopɔn honhom butu#1.2 BUTU: Mfonini a Hebri no retwa no te sɛ akokɔbaatan a ɔbutu ne nkosua so rehwɛ sɛ ɛbɛdane mma. nsuo no ani.
3 # Dwom 33.9; 2 Ko 4.6 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann. 4Na Onyankopɔn hunuu hann no sɛ ɛyɛ. Na Onyankopɔn paee hann ne esum no mu. 5Na ɔfrɛɛ hann no sɛ adekyee, ne esum no adesae. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛdi kan ne no.
6Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ewiem mmra, na ɛmmɛpae nsuo no mu. 7#Dwom 19.1 Na Onyankopɔn yɛɛ ahunumu ntrɛmu. Na ɔpaee nsuo a ɛwɔ ewiem no aseɛ ne deɛ ɛwɔ ewiem no soɔ no mu. Na ɛyɛɛ saa. 8Na Onyankopɔn frɛɛ ewiem no ɔsoro. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so mmienu ne no.
9 # 2 Pe 3.5; Hiob 38.8-11 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nsuo a ɛwɔ ɔsoro aseɛ no mmoaboa ano wɔ faako, na wɔnhunu asase pɛsɛɛ. Na ɛyɛɛ saa. 10Na Onyankopɔn frɛɛ pɛsɛɛ no asase, na nsuo mmoano no, ɔfrɛɛ no ɛpo. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.
11Na Onyankopɔn kaa sɛ: Asase mfifiri nwira, mfudeɛ, nnuaba sɛdeɛ wɔn su teɛ wɔ asase so. Na ɛyɛɛ saa. 12Na asase fifirii nwira ne nnuaba sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. 13Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne no.
14 # Dwom 74.16 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nkanea mmra ewiem, na ɛmmɛpae awia ne anadwo mu, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma mmerɛ, nna ne mfeɛ nkyekyɛmu. 15Bio, na ɛnyɛ nkanea wɔ ewiem, na ɛnhyerɛn wɔ asase so. Na ɛyɛɛ saa. 16#Dwom 136.7-9 Na Onyankopɔn yɛɛ nkanea akɛseɛ mmienu no, sɛ kɛseɛ no nni adekyeeɛ so, na ketewa no, sɛ ɛnni anadwo so. Ɔyɛɛ nsoromma nso. 17Na Onyankopɔn de sisii ewiem sɛ ɛnhyerɛn wɔ asase so, 18na ɛnni adekyeeɛ ne adesaeɛ so, na ɛmpae hann ne esum no mu. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. 19Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nnan ne no.
20Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nsuo no nnɔre abɔdeɛ a ɛte aseɛ pii, na ntakraboa ntu mfa asase so wɔ ewiem. 21Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛseɛ ne nketewa ahodoɔ sɛdeɛ wɔn su teɛ; ne ntakraboa nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. 22Na Onyankopɔn hyiraa wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ ɛpo mu ma, na ntakraboa nnɔɔso asase so. 23Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nnum ne no.
24Na Onyankopɔn kaa sɛ: Abɔdeɛ a ɛtete aseɛ mfiri asase mu mmra, sɛdeɛ wɔn su teɛ: Ntɔteboa a ɛwɔ fie ne wiram ne mmoa a wɔwea ne asase so mmoadoma, sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na ɛyɛɛ saa. 25Na Onyankopɔn yɛɛ asase so mmoadoma, ntɔteboa ne mmoa a wɔwea fam nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.
26 # Dwom 8.5-8 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Momma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn nsɛsoɔ, na wɔnni ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, ntɔteboa, ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa so.
27 # Efe 4.24; Gye 2.7, 22; Mat 19.4 Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so.
Aane, Nyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no,
ɔbarima ne ɔbaa na ɔbɔɔ wɔn.
28 # Aso 17.26 Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monya so tumi; na monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa so.
29Na Onyankopɔn kaa sɛ: Hwɛ, mede mfudeɛ a ɛwɔ asase ani nyinaa ne nnuaba nyinaa mama mo sɛ ɛnyɛ mo aduane. 30Na asase so mmoadoma nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa ne mmoa a wɔwea asase soɔ nyinaa, mede nhahan mono mama wɔn sɛ wɔnni. Na ɛyɛɛ saa. 31Na Onyankopɔn hunuu deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, na hwɛ, ɛyɛ pa ara. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nsia ne no.

Currently Selected:

Gyenesis 1: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy