Asomafoɔ 25
25
Paulo de n’asɛm kɔdane Kaesare
1Na afei Festo baa ne man a ɔdi so amrado no mu, na nnansa akyiri no, ɔfiri Kaesarea kɔɔ Yerusalem. 2#Aso 24.1 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Yudafoɔ no bɛbɔɔ Paulo ho kwaadu kyerɛɛ no, 3na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnom wɔn, na ɔnsoma nkɔfa no mmra Yerusalem; na anka wɔatɛ no kwan so akum no. 4Na Festo buaa sɛ Paulo ntena Kaesarea, na ɛrenkyɛ na ɔno ara akɔ hɔ. 5Na ɔkaa sɛ: Enti momma mo mu atitire ne me nkɔ, na sɛ ɔbarima yi ho wɔ asɛm bi a, wɔne no nkɔbɔ nkuro.
6Na ɔdii wɔn nkyɛn bɛyɛ nnawɔtwe anaa dadu no, ɔsiane kɔɔ Kaesarea. Na adeɛ kyeeɛ a ɔkɔtenaa asɛnnie adwa soɔ no, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo mmra. 7Na ɔbaeɛ no, Yudafoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no bɛtwaa ne ho kanko, na wɔkaa ne ho nsɛmmɔne pii a emu yɛ duru a wɔantumi ankyerɛ aseɛ. 8Na Paulo yii ano sɛ: Menyɛɛ Yudafoɔ mmara anaa asɔrefie anaa Kaesare ho bɔne biara.
9Na Festo pɛ sɛ ɔsɔ Yudafoɔ ani nti, ɔbisaa Paulo sɛ: Wopɛ sɛ wokɔ Yerusalem, na wɔabu wo nnoɔma yi ho atɛn m’anim wɔ hɔ? 10Na Paulo kaa sɛ: Kaesare asɛnnie adwa anim na megyina, na ɛha na ɛsɛ sɛ wɔbu me atɛn, na Yudafoɔ deɛ, menyɛɛ wɔn bɔne biara, sɛdeɛ wo nso wonim yie. 11Na sɛ medi fɔ anaasɛ mayɛ biribi a ɛsɛ owuo a, menhwehwɛ sɛ owuo no bɛpare me; na sɛ nnoɔma a wɔde rebɔ me kwaadu yi mu biara nyɛ nokorɛ a, obiara ntumi mfa me nhyɛ wɔn nsa. Ɛnneɛ mede asɛm no medane Kaesare. 12Ɛnna Festo ne abadwafoɔ no kasaeɛ no, ɔbuaa sɛ: Sɛ wode akɔdane Kaesare a, ɛnneɛ Kaesare anim na wobɛkorɔ.
Festo ka Paulo ho asɛm kyerɛ Herode Agripa
13Na nna bi twaa mu no, Ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛkyeaa Festo. 14#Aso 24.27 Na wɔkyɛree hɔ nti, Festo kaa Paulo ho asɛm no kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Ɔbarima bi wɔ hɔ a Felike agya no mpokyerɛ mu; 15na mekɔɔ Yerusalem no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Yudafoɔ mpanimfoɔ bɛbɔɔ no kwaadu kyerɛɛ me, srɛɛ me sɛ memmu no atɛn. 16Na mebuaa wɔn sɛ ɛnyɛ Romafoɔ amanneɛ sɛ wɔbɛyi onipa bi ama, gye sɛ nkurobɔfoɔ no ne deɛ wɔne no wɔ nkuro no hyia, na ɔnya kwan yi deɛ wɔde ato no soɔ no ano ansa. 17Enti wɔbɛhyiaa ha no, mantwe asɛm no anto hɔ, na adeɛ kyeeɛ no, mekɔtenaa asɛnnie adwa so, na mehyɛɛ sɛ wɔmfa onipa no mmra. 18Na ne nkurobɔfoɔ no bɛgyinaa ne ho no, wɔanka nsɛm a mesusuiɛ no mu biara anto ne so, 19#Aso 18.15 na mmom wɔn ara nyamesom ho akyinnyeɛ bi na wɔne no gyeeɛ, ɛne Yesu bi a wawu a Paulo ka sɛ, ɔte aseɛ. 20Na ɛnam sɛ menhunu sɛdeɛ mɛhwehwɛ saa akyinnyegyeɛ yi mu nti, mebisaa no sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem na wɔakɔbu no nsɛm yi ho atɛn anaa? 21Na Paulo srɛɛ sɛ wɔmfa no nhyɛ afiase ntwɛn Ɔhempɔn no ano asɛm. Yei nti mehyɛɛ sɛ wɔmfa no nsie kɔsi sɛ mede no bɛkɔ Kaesare anim. 22#Luka 23.8 Na Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: Anka me nso mepɛ sɛ metie onipa no. Na ɔse: Ɔkyena wobɛtie no.
Paulo gyina Agripa anim
23Enti adeɛ kyeeɛ no, Agripa ne Berenike de ahokeka a ɛte apɔ bae, na wɔne asafohene ne kuro mu hɔ nnipa a wɔwɔ din kɔɔ faako a wɔtie asɛm no, na Festo hyɛeɛ no, wɔde Paulo bae. 24#Aso 25.2; 25.7; 22.22 Na Festo kaa sɛ: Ɔhene Agripa ne mmarima a mo ne yɛn wɔ ha yi nyinaa, moahunu deɛ Yudafoɔ nyinaa de n’asɛm aba m’anim Yerusalem ne ɛha yi, na wɔka sɛ ɛnsɛ no sɛ ɔtena ase bio no. 25Mahunu sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ wuo, nanso ɔno ara de asɛm no akɔdane Ɔhempɔn nti, mahyɛ sɛ mɛma wɔde no akɔ hɔ. 26Nanso menni ne ho asɛm titire bi a mɛtwerɛ makɔma me wura; enti na mede no maba mo anim, ne titire no, Ɔhene Agripa anim, na sɛ wɔnya hunu asɛm no mu a, manya biribi matwerɛ. 27Na ɛyɛ me sɛ nyansa biara nnim sɛ mema wɔde ɔdeduani bɛkorɔ, na menkyerɛ asɛm ko a wɔde ato ne soɔ.
Currently Selected:
Asomafoɔ 25: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012