Na ɔdii wɔn nkyɛn bɛyɛ nnawɔtwe anaa dadu no, ɔsiane kɔɔ Kaesarea. Na adeɛ kyeeɛ a ɔkɔtenaa asɛnnie adwa soɔ no, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo mmra. Na ɔbaeɛ no, Yudafoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no bɛtwaa ne ho kanko, na wɔkaa ne ho nsɛmmɔne pii a emu yɛ duru a wɔantumi ankyerɛ aseɛ.