YouVersion Logo
Search Icon

Rut NHYƐNMU

NHYƐNMU
Ɛwom Rut ho nsɛm yɛ asomdwoeɛ nsɛm deɛ, nanso ɛsii wɔ berɛ bɔne wɔ Akannifoɔ nwoma no mu. Rut a ɔyɛ Moabni baa no waree Israelni. Okunu no wuiɛ no, Rut yii ɔdɔ sononko bi adi kyerɛɛ n’ase baa a ɔyɛ Israelni no na afei ahofama a emu dɔ kyerɛɛ Israel Nyankopɔn. Awieeɛ no, ɔnyaa ekunu foforɔ wɔ ne kunu dada fiefoɔ abusuafoɔ mu, na ɛnam saa awadeɛ yi maa Rut bɛyɛɛ Israel ahemfo mu titire Dawid nana.
Abasɛm a ɛwɔ Atemmufoɔ mu kyerɛ amanehunu a ɛbaeɛ berɛ a Onyankopɔn nkurɔfoɔ twee wɔn ho firii ne ho no. Rut nwoma mu no, yɛhu nhyira a ɛbaa ɔhɔhoɔ bi a ɔde ne ho maa Israel Nyankopɔn no so, na ɔbɛkaa ne nkurɔfoɔ mapa no ho.
EMU NSƐM
Naomi ne Rut sane ba Betlehem 1.1-22
Rut hyia Boas 2.1—3.18
Boas ware Rut 4.1-22

Currently Selected:

Rut NHYƐNMU: ASWDC

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in