Rut 1
1
Elimelek tutu kɔtena Moab
1Na nna a atemmufoɔ no bu atɛn no mu no, ɛkɔm baa asase no so. Na ɔbarima bi a ɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda kɔɔ sɛ ɔrekɔtena Moab asase so ayɛ hɔ hɔhoɔ, ɔno ne ne yere ne ne mmammarima baanu. 2Ɔbarima no din de Elimelek, na ne yere din de Naomi, na ne mmammarima baanu no din de Mahlon ne Kilion, wɔyɛ Efratifoɔ a wɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda. Na wɔduruu Moab asase so, na wɔtenaa hɔ. 3Na Elimelek, Naomi kunu no wui, na ɛkaa ɔno ne ne mma baanu no. 4Na wɔwaree yerenom Moabfoɔ mu, ɔbaako din de Orpa, na ɔbaako din de Rut. Na wɔtenaa hɔ bɛyɛ mfeɛ du. 5Na wɔn baanu no, Mahlon ne Kilion, nso wuwui, na ɛkaa ɔbaa no (Naomi) nko, ne mma baanu no ne ne kunu wuo no akyi.
Naomi ne n’ase sane kɔ Betlehem
6Ɛnna ɔsɔreeɛ, ɔne ne nsenom baanu no, sɛ ɔresane afiri Moab asase so aba, ɛfiri sɛ ɔtee no wɔ Moab asase so sɛ AWURADE abɛhwɛ ne man na wama wɔn aduane. 7Na ɔfirii deɛ ɔwɔ hɔ, na ne nsenom baanu no ka ne ho. Na wɔsii kwan so sɛ wɔresane aba Yuda asase so. 8Na Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom baanu no sɛ: Monsane nkɔ mo nanom fie. AWURADE ne mo nni no yie sɛdeɛ mo ne awufoɔ no ne me adi no yi. 9#Rut 3.1 AWURADE mma monnya atenayie mo kununom fie. Na ɔfee wɔn ano; na wɔmaa wɔn nne so sui. 10Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, yɛne wo bɛsane akɔ wo manfoɔ nkyɛn. 11Na Naomi kaa sɛ: Me mma, monsane! Adɛn na mo ne me bɛkorɔ? Mmammarima da so wɔ me yam na wɔabɛyɛ mo kununom? 12Me mma, monsane nkɔ! na manyini dodo sɛ mɛnya kunu. Sɛ mese: Mewɔ anidasoɔ, na menya kunu anadwo yi na mewo mmammarima mpo a, 13#Hiob 19.21 mobɛtwɛn wɔn akɔsi sɛ wɔbɛnyini anaa? Mobɛtena hɔ a morenwareɛ anaa? Dabi, me mma, na me na awie me bɔne sene mo, ɛfiri sɛ AWURADE nsa afiri adi ne me adi no bɔne. 14Na wɔmaa wɔn nne so suu bio. Na Orpa fee n’ase ano, na Rut deɛ, ɔbataa ne ho.
15Na ɔkaa sɛ: Hwɛ, wo kora asane kɔ ne manfoɔ ne n’anyame nkyɛn. Sane di wo kora akyi! 16#2 Sa 15.21 Na Rut kaa sɛ:
Nhyɛ me sɛ mennya wo hɔ
na mennyae w’akyiri die nsane nkɔ;
na deɛ wokorɔ na mɛkorɔ,
na deɛ wosoɛ na mɛsoɛ;
wo man bɛyɛ me man,
na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn;
17deɛ wobɛwuo na mɛwuo,
na ɛhɔ ara na wɔbɛsie me;
AWURADE nyɛ me yei
na ebi nka ho,
sɛ gye owuo na ɛbɛtete
me ne wo ntam. 18Na ɔhunuu sɛ wawe ataa so sɛ ɔne no bɛkorɔ no, ɔne no gyaee kasa.
19Na wɔn baanu no nante bɛduruu Betlehem. Na wɔduruu Betlehem no, wɔn nti kuro no nyinaa bɔɔ twi na wɔkaa sɛ: Naomi nie? 20#Eks 15.23 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:
Mommfrɛ me Naomi,#1.20 NAOMI: Asekyerɛ ne: Deɛ wɔadom no.
na momfrɛ me Mara,#1.20 MARA: Asekyerɛ ne: Nwononwono.
ɛfiri sɛ Tweaduampɔn ne me adi no nwononwono so sɛ!
21Mekɔɔ no ma,
na AWURADE de me hunu na aba.
Adɛn na mofrɛ me Naomi,
na AWURADE abua me atɛn,
na Tweaduampɔn ne me adi no bɔne yi?
22Sɛ Naomi ne n’ase Moabni Rut sane firii Moab asase so baeɛ nie. Na wɔduruu Betlehem no, na wɔafiri atokoɔ twa ase.
Currently Selected:
Rut 1: ASWDC
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.