YouVersion Logo
Search Icon

Esra NHYƐNMU

NHYƐNMU
Esra Nwoma no yɛ Berɛsosɛm Nwoma no ntoasoɔ a ɛka Yudafoɔ nnommum no mu binom a wɔfirii Babel sane baeɛ no ho asɛm. Ɛka Yerusalem asetena ne ɔsom a wɔsane hyɛɛ aseɛ foforɔ no ho asɛm nso. Sɛdeɛ wɔahyehyɛ nsɛm a ɛsisii ɛberɛ no mu nnidisoɔ nnidisoɔ nie: (1) Persiahene Kores hyɛɛ sɛ Yudafoɔ nnommum a wɔdi kan no nsane mfiri Babel nkɔ wɔn asase so. (2) Wɔsii asɔredan no foforɔ, na wɔdwiraa ho, na wɔfirii aseɛ somm Onyankopɔn wɔ Yerusalem bio. (3) Mfeɛ bi akyi no, Yudafoɔ bi nso sane baa Yerusalem. Na Esra a na wawedare wɔ Onyankopɔn mmara mu no di wɔn anim. Ɔboaa nkurɔfoɔ no maa wɔtotoo wɔn nyamesom ne wɔn asetena yie, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ Israel sunsum mu agyapadeɛ no ho ban.
EMU NSƐM
Wɔn a wɔdi kan firi nnommum mu baeɛ 1.1—2.70
Wɔsi Asɔredan no, na wɔdwira ho 3.1—6.22
Esra ne nnommumfoɔ foforɔ sane ba 7.1—10.44

Currently Selected:

Esra NHYƐNMU: ASWDC

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in