Esra 1
1
Kores gya Israel kwan
1 #
2 Be 36.22-23; Yer 25.11; 29.10 Na Persiahene Kores afe a ɛdi kan mu no, sɛ AWURADE asɛm a ɛfiri Yeremia anomu no bɛba mu nti, AWURADE kanyan Persiahene Kores honhom, na ɔmaa wɔpaee mu kaa no n’ahennie nyinaa mu, na wɔtwerɛe nso sɛ:
2 #
Yes 44.28; 45.1 Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE ɔsoro Nyankopɔn de ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda. 3Mo mu biara a ɔwɔ ha a ɔbɛtumi no, ne Nyankopɔn nni n’akyi, na ɔmforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na ɔnsane nkɔsi AWURADE Israel Nyankopɔn fie no: Ɔno ne Onyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem. 4Na obiara a ɔte ase wɔ baabiara a wakɔyɛ hɔ hɔhoɔ no, ma ɛhɔfoɔ mfa dwetɛ ne sika ne afideɛ ne mmoa ɛne ayamyi adeɛ a wɔde bɛma Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no nnya no kwan.
5Ɛnna Yuda ne Benyamin agyanom atitire ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ, wɔn a Onyankopɔn akanyan wɔn honhom nyinaa sɔresɔree sɛ wɔreforo asane akɔsi AWURADE fie a ɛwɔ Yerusalem no. 6Na wɔn a na wɔtete wɔn ho hyia nyinaa de dwetɛ nnwinneɛ, sika ne afideɛ ne mmoa aboɔdenneɛ hyɛɛ wɔn abasam den, ɛsono ayamyi adeɛ no nyinaa. 7Na Ɔhene Kores yii AWURADE fie nnoɔma a Nebukadnessar kɔfa firii Yerusalem de ba bɛsiee ne nyame fie no, 8#Esra 2.2, 63; 5.14 ɛnonom na Persiahene Kores yi hyɛɛ ɔsannaani Mitredat nsa, na ɔkan de maa Yuda bapɔmma Sesbasar. 9Na ne dodoɔ nie: Sika nyowa aduasa, dwetɛ nyowa apem, aduhwam nkukuwa aduonu nkron, 10sika nkuruwa aduasa, dwetɛ nkuruwa a ɛdi hɔ ahanan ne du, nnwinneɛ a ɛkeka ho apem. 11Sika ne dwetɛ nnoɔma no nyinaa yɛ mpemnum ne ahanan. Ɛnonom nyinaa na Sesbasar ne wɔn a wɔtuu wɔn kɔeɛ, a ɔde wɔn firi Babel sane baa Yerusalem no de baeɛ.
Currently Selected:
Esra 1: ASWDC
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.