1
Tito 2:11-12
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na Onyankopɔn adom a ɛde nkwagye ba ma nnipa nyinaa no ayi ne ho adi. Atetew yɛn sɛ, sɛ, yɛapa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ a, yɛmfa adwenemtew ne trenee ne onyamesom pa ntena wiase bere yi mu
Compare
Explore Tito 2:11-12
2
Tito 2:13-14
ntwɛn Onyankopɔn kɛse ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahotɔ anidaso ne n’anuonyam ahoyi. Ɔno na ɔde ne ho mae maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.
Explore Tito 2:13-14
3
Tito 2:7-8
Na biribiara mu no, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛso: Nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animduru, asɛmpa a eye a wonnya ho asɛm bi nka adi, na nea ɔne yɛn anya no afɛre, efisɛ onni yɛn ho bɔne biara ka.
Explore Tito 2:7-8
Home
Bible
Plans
Videos