1
Tito 3:4-7
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na yɛn Agyenkwa Onyankopɔn adɔeyɛ ne ne dɔ yii ne ho adi no, emfi trenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborohunu nti, na ɛma ɔnam awo foforo aguare ne Honhom Kronkron foforoyɛ so gyee yɛn nkwa. Ɛno na ɔnam yɛn Agyenkwa Yesu Kristo so hwie guu yɛn so pii, na wɔnam n'adom so abu yɛn bem ama yɛayɛ daa nkwa no anidaso ho adedifo.
Compare
Explore Tito 3:4-7
2
Tito 3:1-2
Kae wɔn na wɔmmrɛ wɔn ho ase mma mpanyinni ne tumi horow no, wɔnyɛ osetie, wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara, wonnni obiara ho nseku, wɔnnyɛ ntɔkwapɛfo, wonya abodwokyɛre, na wonyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.
Explore Tito 3:1-2
3
Tito 3:9
Na nkwasea akyinnyegye ne anato ne kunsunkunsun ne mmara ho akasakasa de, twe wo ho fi ho; efisɛ enye mma hwee, na ɛyɛ hunu.
Explore Tito 3:9
4
Tito 3:10
Onipa a ɔde mpaepaemu ba, a woakasa akyerɛ no prɛko ne ne mprenu no, pa no!
Explore Tito 3:10
Home
Bible
Plans
Videos