1
Tito 1:16
KYERƐW KRONKRON
RATB
Wɔka se wonim Nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfo ne asoɔdenfo, na wɔmfra mma adwuma pa biara.
Compare
Explore Tito 1:16
2
Tito 1:15
Ade nyinaa ho tew ma wɔn a wɔn ho tew; na wɔn a wɔn ho aba fi na wonnye nni no de, hwee ho ntew mma wɔn, na mmom wɔn adwene ne wɔn ahonim nyinaa ho aba fi.
Explore Tito 1:15
3
Tito 1:9
oso nokwasɛm no mu sɛnea wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛnkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefo ntɛn.
Explore Tito 1:9
4
Tito 1:7-8
Na nea ɛsɛ ɔhwɛfo ne sɛ: Wonni ne ho asɛm bi ka, sɛ Onyankopɔn fiehwɛfo. Ɔnyɛ ɔhopɛfo, obufufafo, ɔsadweam, pupopupo, anaa odifudepɛfo, na mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papa, n’adwenem tew, ɔteɛ, ne ho tew, ɔwɔ ahohyɛso
Explore Tito 1:7-8
5
Tito 1:6
Nea ne ho nni asɛm bi, ɔyere biako kunu a ɔwɔ mma gyidifo a wɔnte ahohwi anaa asoɔden nka wɔ wɔn ho.
Explore Tito 1:6
Home
Bible
Plans
Videos