1
Mateo 9:37-38
KYERƐW KRONKRON
RATB
Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!
Compare
Explore Mateo 9:37-38
2
Mateo 9:13
Na monkɔ nkosua eyi ase sɛ: Mepɛ mmɔborohunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ treneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo.
Explore Mateo 9:13
3
Mateo 9:36
Na ohuu nkurɔfo akuwakuw no, Wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔabrɛ, na na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.
Explore Mateo 9:36
4
Mateo 9:12
Na ɔtee no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ den no, enhia wɔn ɔyaresafo na wɔn a wɔyare no.
Explore Mateo 9:12
5
Mateo 9:35
Na Yesu kyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛe wɔn hyiadan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.
Explore Mateo 9:35
Home
Bible
Plans
Videos