1
Mateo 10:16
KYERƐW KRONKRON
RATB
Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini; enti monyɛ anitew sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmorɔnoma.
Compare
Explore Mateo 10:16
2
Mateo 10:39
Nea ne nsa aka ne kra no, ebefi ne nsa, na nea me nti ne kra fii ne nsa no, ne nsa bɛka.
Explore Mateo 10:39
3
Mateo 10:28
Na munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom.
Explore Mateo 10:28
4
Mateo 10:38
na nea ɔmfa n’asɛnnua na onni m’akyi no, ɔmfata me.
Explore Mateo 10:38
5
Mateo 10:32-33
Enti obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’agya a ɔwɔ soro no anim; na obiara a ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no m’agya a ɔwɔ soro no anim.
Explore Mateo 10:32-33
6
Mateo 10:8
Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, muntu ahonhommɔne; munyaa no kwa, na momfa mma kwa!
Explore Mateo 10:8
7
Mateo 10:31
Enti munnsuro! Mosen mpatuprɛ bebree.
Explore Mateo 10:31
8
Mateo 10:34
Munnsusuw sɛ mede asomdwoe baa asase so; ɛnyɛ asomdwoe na mede bae, na mmom nkrante.
Explore Mateo 10:34
Home
Bible
Plans
Videos