1
Mateo 8:26
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na osee wɔn sɛ: Mo a mo gyidi sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne ɛpo no, na ɛyɛɛ dinn.
Compare
Explore Mateo 8:26
2
Mateo 8:8
Na asraafo ha so panyin no buae sɛ: Owura, mensɛ sɛ wobɛhyɛn me suhyɛ ase, na ka asɛm nko, na m’abofra no ho bɛyɛ no den.
Explore Mateo 8:8
3
Mateo 8:10
Na Yesu tee no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wodi n’akyi no sɛ: Nokware mise mo sɛ, Israel mu mpo minhuu gyidi kɛse a ɛte sɛɛ pɛn.
Explore Mateo 8:10
4
Mateo 8:13
Na Yesu see asraafo ha so panyin no sɛ: Kɔ, na sɛnea woagye adi no, ɛnyɛ mma wo! Na ɛdɔn no ara mu n’abofra no ho tɔɔ no.
Explore Mateo 8:13
5
Mateo 8:27
Na ɛyɛɛ nnipa no nwonwa, na wɔkae sɛ: Onipa bɛn koraa ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?
Explore Mateo 8:27
Home
Bible
Plans
Videos