1
Hagai 2:9
KYERƐW KRONKRON
RATB
Ɔso na ɔdan yi anuonyam bɛso, akyiri de no bɛsen kan de no, asafo Awurade na ose, na ɛha na mɛma asomdwoe, asafo Awurade asɛm ni.
Compare
Explore Hagai 2:9
2
Hagai 2:7
na mɛsosow amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa de wɔn agyapade bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma, asafo Awurade na ose.
Explore Hagai 2:7
3
Hagai 2:4
Na afei, hyɛ wo ho den, Serubabel, Awurade asɛm ni, na hyɛ wo ho den, Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin, na monhyɛ mo ho den, asase no so man nyinaa, Awurade asɛm ni, na monyɛ adwuma no, na midi mo akyi, asafo Awurade asɛm ni.
Explore Hagai 2:4
4
Hagai 2:5
Ɛnam Apam a me ne mo pamee bere a mufii Misraim bae no ne me honhom a ɛte mo mu no nti, munnsuro.
Explore Hagai 2:5