na momforo bepɔw nkɔfa nnua mmra mfa mmesi dan no, na ɛbɛyɛ me fɛ, na mayi m’anuonyam makyerɛ, Awurade na ose. Mohwɛɛ ade pii kwan, na hwɛ, ayɛ ketewaa; na mode baa ofie, na mihuw petee. Adɛn nti? Asafo Awurade asɛm ni; me fi a ɛda ntuw nti a, na mo de, moasiesie mo afi mu.