1
Eksodɔs 9:16
KYERƐW KRONKRON
RATB
Nanso eyi nti na mema wugyina hɔ, sɛ meyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.
Compare
Explore Eksodɔs 9:16
2
Eksodɔs 9:1
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn, se ni: Ma me man no nkɔ nkɔsom me.
Explore Eksodɔs 9:1
3
Eksodɔs 9:15
Na afei sɛ mateɛ me nsa na mede owuyare mabɔ wo ne wo man a, anka wɔatwa wo afi asase so.
Explore Eksodɔs 9:15
4
Eksodɔs 9:3-4
hwɛ, AWURADE nsa bɛda wo mmoa a wɔwɔ wuram so, na ɔde owu a ano yɛ den kɛse bɛba apɔnkɔ, mfurum, yoma, anantwi ne nguan so. Na AWURADE de nsonoe bɛto Israel mmoa ne Misraim mmoa ntam, na nea ɛyɛ Israelfo dea no mu biara renwu.
Explore Eksodɔs 9:3-4
5
Eksodɔs 9:18-19
hwɛ, ɔkyena sesɛɛ mɛma ɔsoro abo a emu yɛ duru pa a ɛso bi mmaa Misraim da fi da a wɔhyɛɛ ase de abedu nnɛ yi atɔ. Na afei soma ma wɔnkɔfa wo mmoa ne wo biribiara a ɛwɔ wuram mmra ntɛm; onipa biara ne afieboa biara a wobehu no wuram na wɔamfa no amma ofie no, ɔsoro abo no gu wɔn so a, wobewuwu.
Explore Eksodɔs 9:18-19
6
Eksodɔs 9:9-10
na ɛnnan Misraim asase nyinaa so tutuw, na ɛnyɛ nnipa ne mmoa ho mpobia a ɛpaepae tutu akuru Misraim asase nyinaa so. Na wɔsesaw fononoo mu nso, na wokogyinaa Farao anim, na Mose de petee ahunum, na ɛdan nnipa ne mmoa ho mpobia a ɛpaepae tutu akuru.
Explore Eksodɔs 9:9-10