1
Eksodɔs 8:18-19
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na akɔmfo no de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara sɛ wɔrema dwiw aba, nanso wɔantumi. Na dwiw no baa nnipa ne mmoa so. Ɛnna akɔmfo no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Onyankopɔn nsatea ni. Na Farao koma pirimii ara na wantie wɔn, sɛnea AWURADE kae no.
Compare
Explore Eksodɔs 8:18-19
2
Eksodɔs 8:1
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Ma me man no nkɔ nkɔsom me.
Explore Eksodɔs 8:1
3
Eksodɔs 8:15
Na Farao hui sɛ wanya ahotɔ no, ɔhyɛɛ ne koma den, na wantie wɔn, sɛnea AWURADE kae no.
Explore Eksodɔs 8:15
4
Eksodɔs 8:2
Na sɛ woampene amma wɔankɔ a, hwɛ, mede mpɔtorɔ mɛhaw w'asase nyinaa.
Explore Eksodɔs 8:2
5
Eksodɔs 8:16
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Teɛ wo poma no bɔ asase so mfutuma na ɛnnan dwiw wɔ Misraim asase nyinaa so.
Explore Eksodɔs 8:16
6
Eksodɔs 8:24
Na AWURADE yɛɛ saa. Na nwansena a wɔdɔɔso pii baa Farao fi ne ne nkoa afi ne Misraim asase nyinaa so. Na nwansena no nti asase no so sɛee.
Explore Eksodɔs 8:24