Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Teɛ wo nsa kɔ ahunmu, na esum nnuru Misraim asase so, na ɛnyɛ esum a woso mu a ɛbɛyɛ yiye. Na Mose teɛɛ ne nsa kɔɔ ahunmu, na esum kabii duruu Misraim asase no nyinaa so nnansa. Obiara anhu ne yɔnko, na obiara ansɔre ne tenabea nnansa; na Israelfo nyinaa de, wonyaa hann wɔ nea wɔte hɔ.