1
Eksodɔs 7:1
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, madan wo Onyankopɔn mama Farao, na wo nua Aaron bɛyɛ wo diyifo.
Compare
Explore Eksodɔs 7:1
2
Eksodɔs 7:3-4
Na me de, mepirim Farao koma, na mama me nsɛnkyerɛnne ne m'anwonwade adɔɔso Misraim asase so. Nanso Farao rentie mo; na mede me nsa mɛto Misraim so, na mayi m'asafo, me man Israelfo no, mafi Misraim asase so wɔ atemmu akɛse mu.
Explore Eksodɔs 7:3-4
3
Eksodɔs 7:5
Na sɛ meteɛ me nsa wɔ Misraim so na miyi Israelfo mifi wɔn mu a, na Misraimfo behu sɛ mene AWURADE.
Explore Eksodɔs 7:5
4
Eksodɔs 7:11-12
Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafo ne ntafowayifo bae. Na wɔn Misraim akɔmfo no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara. Na wɔn nyinaa de wɔn mpoma totoo fam, na ɛdannan atweaseɛ, nanso Aaron poma no memmenee wɔn mpoma no.
Explore Eksodɔs 7:11-12
5
Eksodɔs 7:17
Sɛ AWURADE se ni: Eyi na wode behu sɛ mene AWURADE: Hwɛ, mede poma a mikurae yi merebɔ asu yi mu nsu mu, na ɛbɛdan mogya.
Explore Eksodɔs 7:17
6
Eksodɔs 7:9-10
Sɛ Farao ka kyerɛ mo sɛ monyɛ anwonwade bi a, ɛno de ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma to fam wɔ Farao anim, na ɛbɛdan ɔtweaseɛ. Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ wɔn no; na Aaron de ne poma no too fam wɔ Farao ne ne nkoa anim, na ɛdan ɔtweaseɛ.
Explore Eksodɔs 7:9-10