1
Eksodɔs 6:6
KYERƐW KRONKRON
RATB
Ɛno nti ka kyerɛ Israelfo sɛ: Mene AWURADE, na megye mo afi Misraim nkoasom no ase, na mayi mo mafi wɔn anyadi no mu, na mede basa a ateɛ ne atemmu akɛse magye mo.
Compare
Explore Eksodɔs 6:6
2
Eksodɔs 6:7
Na mɛfa mo mayɛ me man, na mayɛ mo Onyankopɔn, na moahu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn a ogyee mo fii Misraim nkoasom ase no.
Explore Eksodɔs 6:7
3
Eksodɔs 6:8-9
Na mede mo mɛkɔ asase a mekaa ntam sɛ mede mɛma Abraham, Isak ne Yakob no so, na mede mɛma mo sɛ agyapade. Mene Awurade. Na Mose kaa saa kyerɛɛ Israelfo no; nanso ahometew ne nkoasom dennen no nti wɔantie Mose.
Explore Eksodɔs 6:8-9
4
Eksodɔs 6:1
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Afei ansa na worebehu nea mɛyɛ Farao, efisɛ wɔde nsa a ɛyɛ den bɛma wama wɔakɔ, na wɔde nsa a ɛyɛ den bɛma wapam wɔn afi n'asase so mpo.
Explore Eksodɔs 6:1