1
Eksodɔs 5:1
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na ɛyɛe no, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Ma me man nkɔ na wɔnkɔhyɛ fa mma me wɔ sare so.
Compare
Explore Eksodɔs 5:1
2
Eksodɔs 5:23
Na efi bere a mebaa Farao nkyɛn na mede wo din me ne no kasae no, wayɛ ɔman yi bɔne, na wo nso wunnyee wo man ɛ!
Explore Eksodɔs 5:23
3
Eksodɔs 5:22
Na Mose san baa AWURADE nkyɛn bɛkae sɛ: AWURADE, adɛn na woayɛ ɔman yi bɔne sɛɛ? Adɛn na wosomaa me yi?
Explore Eksodɔs 5:22
4
Eksodɔs 5:2
Na Farao se: Hena ne AWURADE a metie ne nne na mama Israel akɔ? Minnim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.
Explore Eksodɔs 5:2
5
Eksodɔs 5:8-9
Na ntayaa dodow a wɔyɛ daa no, munnye wɔn, munnyi so bi, efisɛ wɔyɛ anihawfo, enti na wosu sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔbɔ yɛn Nyankopɔn afɔre no. Momma wɔn adwuma a emu yɛ duru, na wɔnyɛ, na wɔantie nsɛnhunu.
Explore Eksodɔs 5:8-9