1
Eksodɔs 4:11-12
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Hena na ɔyɛɛ onipa ano? Anaasɛ hena na ɔyɛ mum anaa ɔsotifo, anaa ɔdehufo anaa onifuraefo? Ɛnyɛ me AWURADE ara? Na afei kɔ, na me ara medi w'ano akyi na makyerɛ wo nea ka.
Compare
Explore Eksodɔs 4:11-12
2
Eksodɔs 4:10
Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Me de, ɛde besi nnɛ anaa efi bere a wo ne w'akoa kasae yi, m'ano ntew; me kasa yɛ nyaa na me tɛkrɛma nso yɛ duru.
Explore Eksodɔs 4:10
3
Eksodɔs 4:14
Ɛnna AWURADE bo fuw Mose, na ose: So minnim sɛ wo nua Aaron, Lewini no, nim kasa? Na hwɛ, wafi adi rebehyia wo, na sɛ ohu wo a, ne koma bɛtɔ ne yam.
Explore Eksodɔs 4:14