Na AWURADE se: Ohu na mahu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na wɔn su a wɔn so ahwɛfo nti wosu frɛ no mate. Na masian sɛ merebeyi wɔn Misraimfo nsam, na matutu wɔn afi asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛw so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so: Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo, Yebusifo tenabea hɔ.