Eksodɔs 10:13-14
Eksodɔs 10:13-14 RATB
Na Mose teɛɛ ne poma wɔ Misraim asase so, na AWURADE maa apuei mframa bɔ faa asase no so da no nyinaa ne anadwo no nyinaa. Na ade kyee na apuei mframa no de mmoadabi no aba. Na mmoadabi no baa Misraim asase no nyinaa so, na wobeguu Misraim asase no so nyinaa, na wɔdɔɔso pii. Ebi nnii wɔn anim mmae pɛn a ɛte sɛ wɔn, na wɔn akyi nso ebi remma saa bio.





