1
2 Korintofo 5:17
KYERƐW KRONKRON
RATB
Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo; nneɛma dedaw no atwam, hwɛ, nneɛma nyinaa ayɛ foforo.
Compare
Explore 2 Korintofo 5:17
2
2 Korintofo 5:21
Efisɛ, nea onnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Onyankopɔn trenee wɔ ne mu.
Explore 2 Korintofo 5:21
3
2 Korintofo 5:7
efisɛ yɛnam gyidi mu, na ɛnyɛ anihunu so.
Explore 2 Korintofo 5:7
4
2 Korintofo 5:18-19
Na eyinom nyinaa fi Nyankopɔn a ɔnam Kristo so apata atwe yɛn afam ne ho, na ɔde nkabom som dwumadi ama yɛn no; ɛne sɛ, Onyankopɔn wɔ Kristo mu repata atwe wiase afam ne ho, na wammu wɔn mfomso angu wɔn so, na ɔde mpata asɛm no ahyɛ yɛn nsa.
Explore 2 Korintofo 5:18-19
5
2 Korintofo 5:20
Enti yɛyɛ abɔfo ma Kristo, ɛte sɛ Onyankopɔn nam yɛn so retu fo; yegyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: Mo ne Onyankopɔn nka mmom.
Explore 2 Korintofo 5:20
6
2 Korintofo 5:15-16
Na owu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte ase no antena ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatena ase ama nea owui na wonyan no maa wɔn no. Enti afei nnɛ yi, yennim obiara ɔhonam fam; na sɛ yehuu Kristo ɔhonam fam mpo a, afei de, yennim no saa bio.
Explore 2 Korintofo 5:15-16
7
2 Korintofo 5:14
Na Kristo dɔ no kanyan yɛn; efisɛ yebu atɛn sɛ, obiako wu maa wɔn nyinaa, enti na wɔn nyinaa awu.
Explore 2 Korintofo 5:14
Home
Bible
Plans
Videos