1
1 Korintofo 12:7
KYERƐW KRONKRON
RATB
Nanso wɔma Honhom no yi ne ho adi wɔn mu biara mu, na ayɛ yiye.
Compare
Explore 1 Korintofo 12:7
2
1 Korintofo 12:27
Na mo nso moyɛ Kristo nipadua ne akwaa mmiako mmiako.
Explore 1 Korintofo 12:27
3
1 Korintofo 12:26
Na sɛ kwaa biako hu amane a, akwaa nyinaa hu bi; sɛ nso wɔhyɛ akwaa biako anuonyam a, akwaa no nyinaa ne no bom di saa anigye no.
Explore 1 Korintofo 12:26
4
1 Korintofo 12:8-10
Na wɔnam Honhom no so ma obi anyansasɛnka; obi nso wɔma no nimdeɛsɛnka, sɛnea Honhom koro no ara pɛ. Ɔfoforo nso wɔma no gyidi, Honhom koro no ara mu; obi nso wɔma no ayaresa adom akyɛde, Honhom koro no ara mu. Obi nso wɔma no tumideyɛ; obi nso wɔma no nkɔmhyɛ. Obi nso wɔma no ahonhom ahorow mu nhumu; obi nso wɔma no ɔkasa ahorow, obi nso wɔma no ɔkasa ahorow nkyerɛase.
Explore 1 Korintofo 12:8-10
5
1 Korintofo 12:11
Na eyi nyinaa, Honhom koro no ara na ɔyɛ, na ɔkyekyɛ ma wɔn mmiako mmiako sɛnea ɔpɛ.
Explore 1 Korintofo 12:11
6
1 Korintofo 12:25
na mpaepaemu amma nipadua mu, na mmom akwaa no adwennwen ade koro ama wɔn ho wɔn ho.
Explore 1 Korintofo 12:25
7
1 Korintofo 12:4-6
Nanso adom akyɛde gu ahorow, nanso ɛyɛ Honhom koro no ara. Na ɔsom nnwuma gu ahorow, nanso ɛyɛ Awurade koro no ara. Na dwumadi nso gu ahorow, nanso Onyankopɔn koro no ara na odi dwuma no nyinaa wɔn nyinaa mu.
Explore 1 Korintofo 12:4-6
8
1 Korintofo 12:28
Na Onyankopɔn de ebinom asi asafo no mu sɛ asomafo kan, nea ɛto so abien, adiyifo, nea ɛto so abiɛsa, akyerɛkyerɛfo, bio nso tumide, ne ayaresa adom akyɛde, aboafo, mpanyin nnwuma, kasa ahorow.
Explore 1 Korintofo 12:28
9
1 Korintofo 12:14
Na nipadua nso nyɛ akwaa biako, na ɛyɛ bebree.
Explore 1 Korintofo 12:14
10
1 Korintofo 12:22
Na mmom nipadua ho akwaa a ɛyɛ yɛn sɛ ɛyɛ mmerɛw bebrebe no, ɛno na ɛho hia.
Explore 1 Korintofo 12:22
11
1 Korintofo 12:17-19
Sɛ nipadua nyinaa yɛ aniwa a, anka ɔte wɔ he? Sɛ ne nyinaa yɛ ɔte a, anka ohua wɔ he? Na afei Onyankopɔn de akwaa no asisi nipadua ho mmiako mmiako, sɛnea ɔpɛ. Na sɛ ne nyinaa yɛ akwaa biako a, anka nipadua wɔ he?
Explore 1 Korintofo 12:17-19
Home
Bible
Plans
Videos